Kɔkɔbɔ a Efi Yɛn Agyanom Nkogu Mu
Israel nyaa omununkum no, po no, ne honhom mu aduan koro no ara, nanso wɔhwehwee ase wɔ sare so; wɔkyerɛw too hɔ sɛ kɔkɔbɔ. Ɛsɛ sɛ wɔguan abosonsom, nanso wɔn Agya yɛ ɔnokwafo na ɔma ɔkwan a wobefi mu. Monni nea wɔde ama mo; monyɛ biribiara mfa nhyɛ n'anuonyam.
10 1Anuanom, mepɛ sɛ muhu se: yɛn agyanom nyinaa tenaa omununkum no ase, na wɔn nyinaa faa po no mu twaam. 2Wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu wɔ omununkum no mu ne po no mu de wɔn kaa Mose ho. 3Wɔn nyinaa diii honhom mu aduan koro no ara, 4na wɔn nyinaa nomee honhom mu nsu koro no ara, efisɛ wɔnomee fii honhom mu ɔbotan a ɛdii wɔn akyi no mu, na saa ɔbotan no ne Kristo. 5Nanso yɛn Agya ani ansɔ wɔn mu dodow no ara, efisɛ wɔkum wɔn guu sare so.
6Afei, saa nneɛma yi bɛyɛɛ nhwɛso maa yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenni nneɛma bɔne akɔnnɔ sɛnea wɔdii no. 7Monnyɛ ahonisomfo sɛnea wɔn mu binom yɛe no; sɛnea wɔakyerɛw se: “nnipa no tenaa ase didii nomee, na afei wɔsɔree kɔɔ agodi.” 8Mommma yɛnnyɛ aguamammɔ sɛnea wɔn mu binom yɛe no, na wɔn mu nnipa 23,000 wuwui da koro pɛ mu. 9Mommma yɛnnsɔ Kristo nhwɛ sɛnea wɔn mu binom yɛe no, na awɔ sɛee wɔn no. 10Na monnwiinwii sɛnea wɔn mu binom wiinwiie no, na ɔsɛefo no sɛee wɔn no. 11Saa nneɛma yi too wɔn sɛ nhwɛso, na wɔkyerɛw too hɔ sɛ kɔkɔbɔ ma yɛn a mmere no awiei aba yɛn so no. 12Enti obiara a osusuw sɛ ɔgyina hɔ no nhwɛ yiye na wanhwe ase. 13Sɔhwɛ biara nni hɔ a aba mo so a ɛnyɛ nea ɛtaa ba nnipa nyinaa so. Na yɛn Agya yɛ ɔnokwafo: ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ mmoro nea mobetumi agyina ano, na mmom sɔhwɛ no mu nso ɔbɛbue ɔkwan a mobɛfa so aguan, sɛnea mobetumi agyina ano.
14Enti, adɔfo, monguan abosonsom. 15Meka kyerɛ mo sɛ nnipa a wɔwɔ nyansa; mo ara mommu nea meka no ho atɛn. 16Nhyira kuruwa a yɛhyira no, ɛnyɛ kyɛfa a yɛnya wɔ Kristo mogya mu ana? Paanoo a yebubu no, ɛnyɛ kyɛfa a yɛnya wɔ Kristo nipadua mu ana? 17Esiane sɛ paanoo baako na ɛwɔ hɔ nti, yɛn a yɛdɔɔso no yɛ nipadua baako, efisɛ yɛn nyinaa nya paanoo baako no mu kyɛfa. 18Monhwɛ Israelfo: wɔn a wodi afɔrebɔde no nyɛ afɔremuka no mu ahokafo ana? 19Ɛnde, dɛn na mereka? Sɛ aduan a wɔde abɔ ohoni afɔre no yɛ biribi anaa ohoni yɛ biribi? 20Dabi, na mmom nea wɔn a wonnim Agya no bɔ afɔre no, wɔde bɔ ahonhommɔne afɔre, na ɛnyɛ yɛn Agya; mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne nya kyɛfa. 21Muntumi nnom Awurade kuruwa ne ahonhommɔne kuruwa nyinaa; muntumi nnya Awurade pon ne ahonhommɔne pon so kyɛfa nyinaa. 22Anaa yɛrepɛ sɛ yɛhyɛ Awurade ninkunu? Yɛn ho yɛ den sen no?
23“Biribiara ho kwan wɔ hɔ”, nanso ɛnyɛ biribiara na ɛboa. “Biribiara ho kwan wɔ hɔ”, nanso ɛnyɛ biribiara na ɛkyekye nnipa. 24Mma obiara nhwehwɛ nʼankasa yiyedi, na mmom ne yɔnko yiyedi. 25Biribiara a wɔtɔn wɔ nam gua so no, monni a mummisa hwee ahonim nti, 26efisɛ “asase yɛ yɛn Agya dea, ne nea ɛwɔ so nyinaa.” 27Sɛ obi a ɔnnye nni frɛ mo kɔ aduan ase na mopɛ sɛ mokɔ a, monni biribiara a wɔde ama mo no, a mummisa hwee ahonim nti. 28Nanso sɛ obi ka kyerɛ mo se, “Wɔde yei abɔ afɔre” a, monnni, ɔno a ɔka kyerɛɛ mo no ne ahonim nti. 29Ɛnyɛ mo ankasa ahonim na mereka, na mmom ɔfoforo no de. Efisɛ adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔfoforo ahonim bu me fawohodi atɛn? 30Sɛ mede aseda di a, adɛn nti na wɔkasa tia me wɔ biribi a mede aseda ma ho no?
31Enti sɛ modidi anaa monom anaa moyɛ biribiara a, monyɛ ne nyinaa mma yɛn Agya anuonyam. 32Monnyɛ biribiara a ɛbɛma Yudafo anaa Helafo anaa yɛn Agya asafo no ahintiw, 33sɛnea me nso mebɔ mmɔden sɛ mɛsɔ obiara ani wɔ biribiara mu, a menhwehwɛ mʼankasa yiyedi, na mmom nnipa bebree no de, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkwa.