Agya no Akyɛde a Ɛnam Honhom Koro So
Wɔde akyɛde no resi akan. Paulo si so dua sɛ Honhom, Awurade ne Agya koro no ara na ɔyɛ ne nyinaa mu adwuma, na nipadua no hia n'akwaa a ɛnyɛ nwonwa no sen biara. Yɛn Agya de akwaa biara sii baabi a ɔpɛe, enti obiara nnka sɛ, Minhia wo.
12 1Afei, anuanom, ɛfa honhom mu akyɛde ho no, mempɛ sɛ moyɛ nnipa a munnim ho hwee. 2Munim sɛ bere a na munnim Agya no no, wɔdaadaa mo ma mokɔɔ ahoni a wɔntumi nkasa no akyi, ɛkwan biara a wɔfaa so dii mo anim no. 3Enti mepɛ sɛ muhu sɛ obiara a ɔnam Honhom Kronkron no so kasa no nka se, “Wɔadome Yesu,” na obiara ntumi nka se, “Yesu ne Awurade,” gye sɛ ɔnam Honhom Kronkron no so.
4Afei akyɛde ahorow wɔ hɔ, nanso Honhom no yɛ koro no ara. 5Na som ahorow wɔ hɔ, nanso Awurade no yɛ koro no ara. 6Nnwuma no yɛ ahorow, nanso Agya koro no ara na ɔyɛ ne nyinaa wɔ obiara mu. a a v6 Ɛha Paulo bɔ Ankorankoro baasa no nyinaa din bɔ mu: Honhom koro no ara, Awurade Yesu koro no ara, ne Agya koro no ara. Wɔn mu biara reyɛ adwuma wɔ akyɛde abusua koro no mu. 7Wɔma obiara Honhom Kronkron no adiyi bi, na ɛboa nnipa nyinaa. 8Honhom no de nyansa asɛm ma obi, ɔde nimdeɛ asɛm ma ɔfoforo, ɛnam Honhom koro no ara so, 9ɔde gyidi ma ɔfoforo, ɛnam Honhom koro no ara so, ɔde ayaresa akyɛde ma ɔfoforo, ɛnam Honhom koro no so, 10ɔma ɔfoforo tumi yɛ anwonwade, ɔma ɔfoforo nkɔmhyɛ, ɔma ɔfoforo tumi hu honhom ahorow mu nsonsonoe, ɔma ɔfoforo kasa ahorow, na ɔma ɔfoforo nso tumi kyerɛ kasa ahorow no ase. 11Honhom koro no ara na ɔyɛ eyinom nyinaa, na ɔkyɛ ma obiara sɛnea ɔno ara pɛ.
Nipadua Baako, Akwaa Pii
12Efisɛ nipadua no yɛ baako, nanso ɛwɔ akwaa pii, na ne akwaa pii no nyinaa bom yɛ nipadua baako. Saa ara na ɛte wɔ Kristo fam. 13Efisɛ wɔnam Honhom koro so bɔɔ yɛn nyinaa asu kaa nipadua baako ho, sɛ yɛyɛ Yudafo anaa Helafo, nkoa anaa nnipa a wɔde wɔn ho, na wɔmaa yɛn nyinaa Honhom koro nomee.
14Efisɛ nipadua no nyɛ akwaa baako, na mmom akwaa pii. 15Sɛ nan no ka se, “Esiane sɛ menyɛ nsa nti, menyɛ nipadua no mu bi” a, ɛda so ara yɛ nipadua no mu bi. 16Na sɛ aso no ka se, “Esiane sɛ menyɛ ani nti, menyɛ nipadua no mu bi” a, ɛda so ara yɛ nipadua no mu bi. 17Sɛ nipadua no nyinaa yɛ ani a, anka ɛbɛyɛ dɛn atie? Sɛ ne nyinaa yɛ aso a, anka ɛbɛyɛ dɛn ahua? 18Nanso sɛnea ɛte no, yɛn Agya de akwaa no mu biara sii nipadua no mu, sɛnea ɔpɛe. 19Sɛ ne nyinaa yɛ akwaa baako a, anka nipadua no bɛwɔ he? 20Sɛnea ɛte no, akwaa pii wɔ hɔ, nanso nipadua no yɛ baako. 21Ani ntumi nka nkyerɛ nsa se, “Wo ho nhia me,” na ti nso ntumi nka nkyerɛ nan se, “Mo ho nhia me.” 22Na mmom, nipadua no akwaa a ɛte sɛ nea ɛyɛ mmerɛw no, wɔn ho hia pa ara. 23Nipadua no akwaa a yɛsusu sɛ ɛnni nidi no, yɛde nidi kɛse hyɛ no; na yɛn akwaa a ɛnsɛ sɛ wɔda no adi no, yɛhwɛ no yiye kata so, 24nea yɛn akwaa a ɛfata sɛ wɔda no adi no nhia. Nanso yɛn Agya kaa nipadua no bom, na ɔmaa akwaa a na ɛhia no nidi kɛse, 25sɛnea ɛbɛyɛ a mpaapaemu biara nni nipadua no mu, na ne akwaa no ahwɛ wɔn ho wɔn ho pɛpɛɛpɛ. 26Sɛ akwaa baako hu amane a, ne nyinaa hu amane bɔ mu; sɛ wɔhyɛ akwaa baako anuonyam a, ne nyinaa di ahurusi bɔ mu.
27Afei mo ne Kristo nipadua no, na mo mu biara yɛ ne mu akwaa. 28Wɔ asafo no mu no, yɛn Agya de asomafo sii kan, nea ɛto so abien yɛ adiyifo, nea ɛto so abiɛsa yɛ akyerɛkyerɛfo, afei anwonwade, afei ayaresa akyɛde, mmoa, ntuanoyɛ ne kasa ahorow. 29Wɔn nyinaa yɛ asomafo anaa? Wɔn nyinaa yɛ adiyifo anaa? Wɔn nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfo anaa? Wɔn nyinaa yɛ anwonwade anaa? 30Wɔn nyinaa wɔ ayaresa akyɛde anaa? Wɔn nyinaa ka kasa ahorow anaa? Wɔn nyinaa kyerɛ ase anaa? 31Nanso monhwehwɛ akyɛde akɛse no denneennen. Na mɛkyerɛ mo ɔkwan bi a ɛsen ne nyinaa.