Wɔatintim
Nhoma

Yesu Frɛ Nʼasuafo a Wodi Kan

Petro yi mpataa anadwo mũ nyinaa a onnya hwee, afei ɔnam Yesu asɛm so twe bebree ara ma ɔsrɛ no sɛ omfi ne nkyɛn nkɔ. Ɔde ne nsa ka kwatani bi. Wɔfa ɔbubuafo bi fi dan atifi so sian no, na yɛn Agya tumi de ne bɔne kyɛ no, na ɛhaw akyerɛwfo no. Lewi gyaw ne towgyedan hɔ.

Ti 5.

Da bi, bere a nnipadɔm no kyere ne ho hyiaa no sɛ wɔbɛte yɛn Agya asɛm no, na Yesu gyina Genesaret Ɔtare no ho. a a v1 Genesaret Ɔtare no yɛ Galilea Po no din foforo. Ohuu ahyɛn abien a ɛgyina ɔtare no ho; apofofo no agyaw mu, na wɔrehoro wɔn asau. Ɔforoo ahyɛn no mu baako a ɛyɛ Simon dea, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔntwe no nkɔ nsu no mu kakra mfi mpoano; afei ɔtenaa ase de hyɛn no mu kyerɛkyerɛɛ nnipadɔm no.

Bere a owiee kasa no, ɔka kyerɛɛ Simon se, “Twe hyɛn no kɔ nsu a emu dɔ mu, na montow mo asau ngu nsu mu nkyere mpataa.”

Simon buaa no se, “Owura, yɛayɛ adwuma anadwo mu nyinaa a yɛankyere hwee. Nanso esiane wʼasɛm nti, mɛtow asau no agu.” Bere a wɔyɛɛ saa no, wɔkyeree mpataa bebree ara ma wɔn asau no fii ase tetew. Wɔbɔɔ wɔn hokafo a wɔwɔ hyɛn baako a aka no mu no nsa sɛ wɔmmɛboa wɔn; wɔbae, na wɔhyɛɛ ahyɛn abien no nyinaa ma araa ma ɛfii ase mem. Bere a Simon Petro huu eyi no, ɔhwee Yesu nkotodwe ase kae se, “Awurade, fi me ho kɔ, efisɛ meyɛ onipa bɔnefo!” Efisɛ mpataa dodow a wɔkyeree no yɛɛ ɔno ne wɔn a na wɔka ne ho nyinaa nwonwa,

na saa ara na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma a wɔne Simon yɛ hokafo no nso nwonwa. Yesu ka kyerɛɛ Simon se, “Nsuro; efi nnɛ rekɔ no, wobɛkyere nnipa.”

Enti wɔtwee wɔn ahyɛn no kɔɔ mpoano, gyaw biribiara, na wodii nʼakyi.

Ɔbarima Bi Ho Tew

Bere a Yesu wɔ nkurow no mu baako mu no, ɔbarima bi a honam ani yare a emu yɛ den aka ne mu nyinaa baa hɔ. Bere a ohuu Yesu no, ɔde nʼanim butuw fam srɛɛ no se, “Awurade, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho atew.”

Yesu teɛɛ ne nsa sɔɔ ne mu kae se, “Mepɛ. Wo ho ntew.” Amonom hɔ ara, honam ani yare no fii ne ho.

Yesu hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ obiara, “na mmom kɔ na kɔda wo ho adi kyerɛ ɔsɔfo no, na fa nea Mose hyɛe no bɔ afɔre wɔ wo ho tew ho, sɛ adanse ma nnipa no.”

Nanso ne ho asɛm trɛw kɔɔ akyiri koraa; nnipadɔm kɛse boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔbɛtie no, na wɔanya ayaresa afi wɔn nyarewa ho. Nanso mpɛn pii na Yesu twe ne ho kɔ sare so mmeae kɔbɔ mpae.

Agya no Tumi a Ɔde Fa Bɔne Firi

Da bi a na ɔrekyerɛkyerɛ no, Farisifo ne mmara kyerɛkyerɛfo a wofi Galilea nkuraa nyinaa ne Yudea ne Yerusalem aba no tenaa hɔ. Na yɛn Agya tumi wɔ hɔ ma no sɛ ɔnsa ayarefo. Saa bere no ara, mmarima bi soaa ɔbarima bi a wabubu wɔ kɛtɛ so baa hɔ, na wɔpɛɛ sɛ wɔde no kɔ mu kɔto Yesu anim. Bere a wɔanhu ɔkwan a wɔbɛfa nnipadɔm no mu de no akɔ mu no, wɔforoo kɔɔ ɔdan no atifi, faa nkyɛmfɛre no mu de no ne ne kɛtɛ no sianee kɔɔ nnipa no mfinimfini, pɛɛ Yesu anim.

Bere a Yesu huu wɔn gyidi no, ɔkae se, “Adamfo, wɔde wo bɔne afiri wo.”

Akyerɛwfo ne Farisifo no fii ase ne wɔn ho dii akyinnye se, “Hena ne onipa yi a ɔreyaw Onyankopɔn yi? Hena na obetumi de bɔne afiri, gye Onyankopɔn nko ara?”

Esiane sɛ Yesu nim nea wosusuw nti, ɔbuaa wɔn se, “Adɛn nti na moresusuw saa wɔ mo koma mu? Ɛhe na ɛyɛ mmerɛw: sɛ wobɛka se, ‘Wɔde wo bɔne afiri wo,’ anaa sɛ wobɛka se, ‘Sɔre na nantew’? Nanso sɛnea mobehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so sɛ ɔde bɔne firi no”—ɔka kyerɛɛ ɔbarima a wabubu no se—“Mereka akyerɛ wo se, sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi.”

Amonom hɔ ara ɔsɔre gyinaa wɔn anim, faa ne kɛtɛ, na ɔkɔɔ ne fi rehyɛ yɛn Agya anuonyam. Ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa; ehu hyɛɛ wɔn ma, na wɔhyɛɛ yɛn Agya anuonyam kae se, “Yɛahu anwonwade nnɛ.”

Yesu Frɛ Lewi

Eyi akyi no, Yesu fii adi huu towgyefo bi a ne din de Lewi a ɔte towgyedan mu. “Di mʼakyi,” ɔka kyerɛɛ no.

Enti Lewi sɔre, gyaw biribiara hɔ, na odii nʼakyi. Afei Lewi too pon kɛse maa Yesu wɔ ne fi, na towgyefo ne afoforo dodow bi ne wɔn tenaa didii. Nanso Farisifo no ne wɔn akyerɛwfo no nwiinwii kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Adɛn nti na mo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi na monom?”

Yesu buaa wɔn se, “Ɛnyɛ wɔn a wɔn ho yɛ den na wohia ɔyaresafo, na mmom ayarefo. Mamma sɛ merebɛfrɛ atreneefo, na mmom nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”

Asɛmmisa Bi a Ɛfa Mmuadadi Ho

Wɔka kyerɛɛ no se, “Yohane asuafo di mmuada mpɛn pii na wɔbɔ mpae, na saa ara na Farisifo asuafo nso yɛ, nanso wʼasuafo no di na wɔnom.”

Yesu kae se, “Bere a ayeforokunu no ka ne nnamfo ho no, mobetumi ama wɔadi mmuada anaa? Nanso nna bi bɛba a wobeyi ayeforokunu no afi wɔn mu, na afei saa nna no mu na wɔbɛdi mmuada.”

Ɔbɔɔ wɔn bɛ yi nso se, “Obiara ntetew ntama foforo mu asinasin mfa mpam ntama dedaw. Sɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛtetew foforo no, na asinasin foforo no remfata dedaw no. Obiara nngu nsa foforo nwoma kotoku dedaw mu; sɛ ɔyɛ saa a, nsa foforo no bɛpaapae nwoma kotoku no, ahwie agu, na nwoma kotoku no nso bɛsɛe. Dabi, ɛsɛ sɛ wɔhwie nsa foforo gu nwoma kotoku foforo mu. Na obiara a wanom nsa dedaw wie no mpɛ foforo no, efisɛ ɔka se, ‘Dedaw no yɛ.’”