Biribiara Ntumi Nsiw Agya no Hann Kwan
Sika kɔkɔɔ kanea dua a ngodua abien ma no ngo no bua Serubabel abotokura a ɛfi asɔredan ketewa a wonnwiee no ho. Yɛn Agya asɛm kyerɛ no ne sɛ: ɛnyɛ ahoɔden so, na ɛnyɛ tumi so, na me Honhom so. Nsa a ɛtoo fapem no bɛwie no; obiara mmmu nneɛma nketewa animtiaa.
Yɛn Agya kasa wɔ nkyekyɛmu ahorow 6–7, 9–10
4 1Afei ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no sane baa me nkyɛn bɛnyan me, sɛnea wɔnyan obi fi nna mu. 2Ɔbisaa me se, “Dɛn na wuhu?” Mebuaa se, “Sika kɔkɔɔ kaneadua bi a kuruwa bi wɔ ne soro, nkanea ason, na kanea biara wɔ ano ason wɔ ne soro.
3Ngodua abien gyina ne ho, baako wɔ kuruwa no nifa so, na baako nso wɔ ne benkum so.”
4Na mebisaa ɔbɔfo a ɔne me rekasa no se, “Me wura, dɛn ne eyinom?”
5Afei ɔbɔfo a ɔne me rekasa no kae se, “Wunnim nea eyinom yɛ?” Mekae se, “Dabi, me wura.”
6Ɔka kyerɛɛ me se, “Yei ne yɛn Agya asɛm a ɔde ma Serubabel: Ɛnyɛ ahoɔden so, na ɛnyɛ tumi so, na mmom me Honhom so, ɔsoro asraafo Agya na ɔse. 7Wo bepɔ kɛse, wone hena? Serubabel anim no, wobɛyɛ asase tamaa. Ɔde atifi ɔbo no bɛba a ɔreteɛm se, ‘Adom, adom mmra ne so!’
8Afei yɛn Agya asɛm baa me nkyɛn se,
9Serubabel nsa na ɛtoo efi yi fapem; ne nsa na ɛbɛwie. Afei mubehu sɛ ɔsoro asraafo Agya na ɔsomaa me baa mo nkyɛn. 10Hena na wabu nneɛma nketenkete da no animtiaa? Wɔbɛdi ahurusi bere a wohu susuhama no wɔ Serubabel nsam no. Eyinom ason no ne yɛn Agya aniwa a ɛkyinkyin asase nyinaa so.”
11Afei mibisaa no se, “Ngodua abien a ɛwɔ kaneadua no nifa ne ne benkum so yi, dɛn ne wɔn?” 12Mibisaa bio se, “Ngodua mman abien a ɛwɔ sika kɔkɔɔ apaipu abien a ngo kɔkɔɔ fi mu hwie gu no ho yi, dɛn ne wɔn?”
13Ɔka kyerɛɛ me se, “Wunnim nea eyinom yɛ?” Mekae se, “Dabi, me wura.”
14Ɔkae se, “Eyinom ne nnipa abien a wɔasra wɔn ngo a wɔgyina asase nyinaa Wura no nkyɛn no.”