Agya no Asɛm a Ɛtia Yeroboam
Yeroboam soma ne yere sɛ ɔnsakra ne ho nkɔbisa wɔn babarima a ɔyare no ho asɛm; Ahiya a n'ani afura no, yɛn Agya bɔɔ no kɔkɔ, frɛ ne din wɔ ɔpon ano, na ɔka sɛ abofra no bewu bere a ne na du fie pɛ, na wɔasɛe fie no. Wɔ Yuda, Sisak gye asɔredan mu sika kɔkɔɔ fi Rehoboam nsam.
Yɛn Agya kasa wɔ nkyekyɛmu ahorow 5, 7–11
14 1Saa bere no, Yeroboam babarima Abia yaree. 2Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere se, “Sɔre, sesa wo ho sɛnea obiara renhu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo. Odiyifo Ahia wɔ hɔ, ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛyɛ ɔman yi so hene. 3Fa brodo du ne brodo nketewa bi ne ɛwo toa baako kɔ ne nkyɛn. Ɔbɛka nea ɛbɛto abofra no akyerɛ wo.”
4Yeroboam yere yɛɛ saa. Ɔkɔɔ Silo, Ahia fi. Na Ahia ntumi nhu ade bio; nʼani abɔ kusuu esiane ne nkwakoraa nti.
5Nanso na yɛn Agya aka akyerɛ Ahia se, “Yeroboam yere reba abebisa ne babarima a ɔyare no ho asɛm. Ka eyi kyerɛ no; sɛ ɔba a, ɔbɛsesa ne ho ayɛ sɛ ɔbea foforo.”
6Bere a Ahia tee nʼanammɔn nnyigyei wɔ ɔpon no ano no, ɔkae se, “Yeroboam yere, bra mu. Adɛn nti na woyɛ wo ho sɛ obi foforo? Wɔde asɛm a ɛyɛ den asoma me wo nkyɛn.
7Kɔ na kɔka kyerɛ Yeroboam se, ‘Sɛɛ na yɛn Agya, Israel Nyankopɔn, se: “Meyii wo fi nkurɔfo no mu, na mede wo yɛɛ me man Israel so sodifo. 8Mitwee ahenni no fii Dawid fi nsam de maa wo. Nanso woanyɛ sɛ me somfo Dawid a odii me mmara so, na ɔde ne koma nyinaa dii mʼakyi, na ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ mʼani so nko ara no. 9Woayɛ bɔne asen wɔn a wodii wʼanim nyinaa. Wokɔyɛɛ anyame foforo ne ahoni a wɔagu, de hyɛɛ me abufuw, na wotoo me twenee wʼakyi. 10Enti merede amanehunu aba Yeroboam fi so. Mɛtwa Yeroboam mmarima nyinaa afi Israel, nkoa ne nnipa a wɔde wɔn ho, na mɛhyew Yeroboam fi sɛnea obi hyew bin kosi sɛ ɛbɛsa. 11Yeroboam nkurɔfo a wobewu wɔ kurow mu no, akraman bɛwe wɔn, na wɔn a wobewu wɔ wuram no, wim nnomaa bɛwe wɔn. Efisɛ yɛn Agya na waka.”’
12Sɔre na kɔ fie. Sɛ wo nan tiaa kurow no mu pɛ a, abofra no bewu. 13Israel nyinaa bɛsu no na wɔasie no. Yeroboam fi no mu, ɔno nko ara na wɔbɛsie no wɔ ɔda mu, efisɛ ne mu na yɛn Agya, Israel Nyankopɔn, huu ade pa bi wɔ Yeroboam fi. 14Bio nso, yɛn Agya bɛma ɔhene bi asɔre ama ne ho wɔ Israel so, na ɔno na ɔbɛtwa Yeroboam fi no ase nnɛ—ɛnnɛ ara mpo. 15Yɛn Agya bɛbɔ Israel kosi sɛ ɛbɛhinhim sɛ demmire a ɛwɔ nsu mu, na watu wɔn afi asase pa yi a ɔde maa wɔn agyanom no so, na wabɔ wɔn apete akɔ Eufrate asubɔnten no agya, efisɛ wɔyɛɛ Asera nnua a ɛhyɛɛ no abufuw. 16Ɔbɛgyaw Israel esiane bɔne a Yeroboam yɛe na ɔmaa Israel nso yɛe no nti.”
17Yeroboam yere sɔree, fii hɔ kɔɔ Tirsa. Bere a ɔduu efi no aboboano pɛ no, abofra no wui. 18Israel nyinaa sii no na wɔsuu no, sɛnea yɛn Agya nam ne somfo odiyifo Ahia so kae no.
19Yeroboam nnwuma a aka, sɛnea ɔkoo ne sɛnea odii hene no, wɔakyerɛw wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. 20Yeroboam dii hene mfe aduonu abien, afei ɔne nʼagyanom kɔdae, na ne babarima Nadab dii hene wɔ nʼananmu.
Rehoboam Di Hene wɔ Yuda
21Salomo babarima Rehoboam dii hene wɔ Yuda. Na wadi mfe aduanan baako bere a ɔbɛyɛɛ ɔhene no, na odii hene mfe dunson wɔ Yerusalem, kurow a yɛn Agya yii fii Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no. Ne na ne Naama a ɔyɛ Amonni. 22Yuda yɛɛ bɔne wɔ yɛn Agya ani so, na wɔde bɔne a wɔyɛe no kanyan ne ninkunu—ɛboro nea wɔn agyanom nyinaa yɛe no so. 23Wɔn nso sisii abosonnan, abosonnum ne Asera nnua maa wɔn ho wɔ koko tenten biara so ne dua frɔmfrɔm biara ase. 24Abosonnan mu mmarima adwamammɔfo mpo wɔ asase no so. Nnipa no yɛɛ amanaman a yɛn Agya pam wɔn fii Israel anim no akyiwade nyinaa.
25Ɔhene Rehoboam ahenni mfe anum so no, Misraim hene Sisak bɛtow hyɛɛ Yerusalem so. 26Ɔfaa yɛn Agya fi ne ahemfi no ademude nyinaa kɔe—biribiara, a sika kɔkɔɔ akyɛm a Salomo yɛe no nyinaa ka ho. 27Enti Ɔhene Rehoboam de kɔbere akyɛm sii ananmu, na ɔde hyɛɛ awɛmfo a wɔwɛn ahemfi no kwan ano no mpanyimfo nsa. 28Bere biara a ɔhene no bɛkɔ yɛn Agya fi no, awɛmfo no soa akyɛm no, na afei wɔde san kɔ awɛmfo dan no mu.
29Rehoboam nnwuma a aka ne nea ɔyɛe nyinaa—wɔankyerɛw wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 30Ɔko kɔɔ so daa wɔ Rehoboam ne Yeroboam ntam. 31Rehoboam ne nʼagyanom kɔdae, na wosiee no wɔ wɔn nkyɛn wɔ Dawid Kurow mu. Ne na ne Naama a ɔyɛ Amonni. Ne babarima Abiam dii hene wɔ nʼananmu.