Wɔkum Isboset
Is-Boset ankasa akorɔmfoɔ asahene mmienu wɔ no sekan wɔ ne mpa so berɛ a ɔregye n'ahome awia, na wɔde ne ti kɔ Hebron, frɛ no yɛn Agya aweredi. Dawid a berɛ bi ɔkum ɔbarima a ɔkaa sɛ ɔno na okum Saul no ma wokum wɔn. Wɔsie ti no wɔ Abner da mu.
4 1Bere a Saul babarima Isboset tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no, ɔbotoe koraa, na Israel nyinaa ho popoe. 2Saul babarima no wɔ asraafo akuw a wɔkɔ fow so atitiriw baanu: Baana ne Rekab, Beerotni Rimon a ofi Benyamin abusua mu no mma, efisɛ wɔkan Beerot nso sɛ Benyamin fã, 3efisɛ Beerotfo no guan kɔɔ Gitaim, na wɔte hɔ sɛ ahɔho de besi nnɛ.
4Saul babarima Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne nan abien nyinaa yɛ mmubuafo. Bere a Saul ne Yonatan ho asɛm fi Yesreel bae no, na abofra no adi mfe anum; ne ɔhwɛfo no sɔɔ no mu sɛ ɔde no reguan, nanso bere a ɔhwɛfo no repere no, abofra no hwee fam, na ɔbɛyɛɛ obubuafo. Ne din de Mefiboset.
5Beerotni Rimon mma Rekab ne Baana baa Isboset fi awia ɔhyew mu, bere a na ɔregye nʼahome awiabere no. 6Wɔkɔɔ ofi no mfinimfini te sɛ nea wɔrebɛfa awi, na wɔwɔɔ no sekan wɔ ne yafunu mu; na Rekab ne ne nua Baana guanee. 7Wɔkɔɔ ofi no mu bere a Isboset da ne mpa so wɔ ne pia mu. Wɔbɔɔ no hwee fam, kum no, twaa ne ti, de kɔe, na wɔnam Araba kwan so tuu kwan anadwo mu nyinaa. 8Wɔde Isboset ti no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no se, “Saul babarima Isboset, wo tamfo a ɔpɛɛ wo nkwa no, ti ni. Nnɛ yɛn Agya atɔ were ama me wura ɔhene wɔ Saul ne nʼasefo so.” a a v8 Awudifo no de wɔn bɔne no too yɛn Agya so, nanso ne mmuae nam Dawid so ba, na Dawid bu wɔn fɔ sɛ awudifo a wɔakum onipa a odi bem.
9Nanso Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana se, “Sɛnea yɛn Agya a wagye me nkwa afi ahohiahia nyinaa mu no te ase yi, 10bere a obi ka kyerɛɛ me se, ‘Hwɛ, Saul awu,’ na ɔsusuw sɛ ɔde asɛmpa na ɛreba no, mekyeree no kum no wɔ Siklag. Ɛno ne akatua a mede maa no wɔ ne nkra no ho! 11Ɛnde, sɛ nnipa abɔnefo kum onipa treneeni wɔ ne ankasa fi mu, wɔ ne mpa so a, ɛno de ɛte dɛn? Ɛnsɛ sɛ mebisa ne mogya fi mo nsam seesei, na mepepa mo fi asase so anaa? 12Dawid hyɛɛ ne mmerante no, na wokum wɔn, twitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, na wɔsɛn wɔn amu no wɔ Hebron ɔtare no ho. Nanso Isboset ti no de, wosiee no wɔ Abner da mu wɔ Hebron.”