Agya no Nam Petro Nsa So Sa Yare
Ɔbarima bi a ɔsrɛsrɛ adi wɔ asɔrefi pon ano, wɔsoa no de no ba hɔ da biara fi ne nkwa nna nyinaa mu. Petro nni sika, na mmom ɔsɔ ne nsa, na ɔbarima no hurehuruw kɔ mu. Petro si so dua kyerɛ dɔm a wɔn ho adwiri wɔn no sɛ tumi no nyɛ n'ankasa de, na mmom ɛyɛ yɛn Agya de.
3 1Petro ne Yohane rekɔ asɔredan mu bɛyɛ awia nnɔnsa, a ɛyɛ mpaebɔ bere no. 2Wɔsoa ɔbarima bi a wɔwoo no obubuafo de no kɔtena asɔredan pon a wɔfrɛ no Pon Fɛfɛ no ano da biara, sɛ ɔnsrɛ ade mfi wɔn a wɔrekɔ asɔredan mu no hɔ. 3Bere a ohuu sɛ Petro ne Yohane rebɛkɔ asɔredan mu no, ɔsrɛɛ wɔn sika. 4Na Petro ne Yohane hwɛɛ no dinn, na Petro kae se, “Hwɛ yɛn.” 5Na ɔde nʼani sii wɔn so, na ɔhwɛɛ kwan sɛ obenya biribi afi wɔn hɔ. 6Petro kae se, “Me nni dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nanso nea mewɔ no na mede rema wo: Yesu Kristo, Nasareni no, din mu, sɔre na nantew.” 7Ɔsoo ne nsa nifa mu maa no so; amonom hɔ ara ne nan ne ne nantu nyaa ahoɔden. 8Ɔhuruw sɔree gyinae, na ofii ase nantewee, na ɔne wɔn kɔɔ asɔredan mu, a ɔnantew, ɔhuruhuruw, na ɔkamfo yɛn Agya. 9Na nnipa no nyinaa huu no sɛ ɔnantew na ɔkamfo yɛn Agya. 10Wohuu no sɛ ɔno ne osrɛfo a na ɔtena asɔredan Pon Fɛfɛ no ano no, na nwonwa ne ahodwiriw hyɛɛ wɔn ma wɔ nea ato no no ho.
Petro Bɔ Agya no Somfo no Ho Dawuru
11Bere a ɔsɔ Petro ne Yohane mu no, nnipa no nyinaa de mmirika baa wɔn nkyɛn wɔ abrannaa a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no ase, na wɔn ho dwiriw wɔn koraa. 12Bere a Petro huu eyi no, ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Israelfo, adɛn nti na eyi yɛ mo nwonwa? Adɛn nti na mohwɛ yɛn dinn, te sɛ nea yɛn ankasa tumi anaa yɛn nyamesom pa na yɛde ama ɔnantew? 13Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ ne somfo Yesu anuonyam, nea mode no mae na mopoo no wɔ Pilato anim, bere a Pilato asi ne bo sɛ obegyaa no no. 14Nanso mopoo Ɔkronkronni ne Ɔtreneeni no, na mobisae sɛ wɔmfa awudifo mma mo. 15Mokum Nkwa Farebae no; yɛn Agya nyanee no fii awufo mu. Yɛne eyi ho adansefo. 16Ne din, ɛnam gyidi a ɛwɔ ne din mu no so, ama ɔbarima yi ayɛ den—ɔbarima a mohu no na munim no yi ara. Na gyidi a ɛwɔ Yesu mu no ama no apɔwmuden a edi mu yi wɔ mo nyinaa anim.
17“Na afei, anuanom, minim sɛ moyɛɛ saa bere a na munnim nea moreyɛ no, sɛnea mo atumfo nso yɛe no. 18Nanso yɛn Agya maa nea ɔnam adiyifo no nyinaa so kaa ho asɛm siei no baa mu: sɛ ne Kristo no behu amane. 19Enti monsakra mo adwene na monsan mmra, na wɔapepa mo bɔne afi hɔ, 20sɛnea ahomegye mmere befi yɛn Agya anim aba, na wasoma Kristo a wayi no ama mo no, Yesu, 21nea ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no kosi sɛ wɔbɛsan ayɛ nneɛma nyinaa foforo, sɛnea yɛn Agya nam nʼadiyifo kronkron so kaa ho asɛm tete no. 22Mose kae se, ‘Mo Agya bɛma odiyifo te sɛ me asɔre afi mo nuanom mu ama mo. Muntie no wɔ biribiara a ɔbɛka akyerɛ mo mu.’ 23Obiara a ontie odiyifo no, wɔbɛsɛe no koraa afi nnipa no mu.’ 24Adiyifo a wɔkasae nyinaa, efi Samuel so, wɔn nso bɔɔ nna yi ho dawuru. 25Mone adiyifo no mma ne apam a yɛn Agya ne mo agyanom yɛe no mma, bere a ɔka kyerɛɛ Abraham se, ‘Wʼasefo so na asase so mmusua nyinaa benya nhyira.’ 26Yɛn Agya nyanee ne somfo no, na ɔsomaa no baa mo nkyɛn kan, sɛ ɔnhyira mo denam mo mu biara a ɔbɛdan no afi nʼamumɔyɛ ho no so.”