Yɛn Agya Kɔkɔbɔ: Montena Asase No So
Asahene no ka ntam sɛ mmuae biara a ɛbɛba no, wobedi so, na wɔsrɛ Yeremia sɛ ommɔ mpae. Nna du akyi no, yɛn Agya asɛm ba: montena hɔ, na wɔbɛdua mo na wɔabɔ mo ho ban; monkɔ Misraim a, afoa ne ɔkɔm a musuro no bedi mo akyi akɔ hɔ. Na wɔasi wɔn gyinae dedaw.
Yɛn Agya kasa wɔ nkyekyɛmu ahorow 9, 11–18
42 1Afei asraafo no mpanyimfo nyinaa ne Kareah ba Yohanan ne Hosaia ba Yesania ne nnipa no nyinaa, efi nea ɔyɛ ketewa so kosi nea ɔyɛ kɛse so, baa hɔ, 2na wɔka kyerɛɛ odiyifo Yeremia se, “Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ: bɔ wʼAgya mpae ma yɛn, ma nkae yi nyinaa, efisɛ sɛnea wohu no, yɛn a na yɛdɔɔso no, kakraa bi pɛ na aka, 3sɛnea wʼAgya bɛkyerɛ yɛn ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”
4Odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ wɔn se, “Mate mo asɛm. Mɛbɔ mo Agya mpae sɛnea mobisae no, na biribiara a mo Agya bɛbua no, mɛka akyerɛ mo; merenkora hwee so.”
5Wɔka kyerɛɛ Yeremia se, “Sɛ yɛanyɛ biribiara a wʼAgya bɛsoma wo sɛ ka kyerɛ yɛn no a, yɛn Agya nyɛ ɔdansefo nokwafo ne ɔnokwafo ntia yɛn. 6Sɛ ɛyɛ papa o, bɔne o, yɛbɛtie yɛn Agya a yɛresoma wo akɔ ne nkyɛn no nne, sɛnea ɛbɛyɛ yiye ama yɛn bere a yɛtie yɛn Agya nne no.”
7Nnafua du akyi no, yɛn Agya asɛm baa Yeremia nkyɛn. 8Enti ɔfrɛɛ Kareah ba Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no nyinaa ne nnipa no nyinaa, efi nea ɔyɛ ketewa so kosi nea ɔyɛ kɛse so,
9na ɔkae se, “Sɛɛ na yɛn Agya, Israel Agya, a mosomaa me ne nkyɛn sɛ memfa mo adesrɛ nto nʼanim no, se:
10Sɛ motena asase yi so ampa a, mɛkyekye mo, na merendwiri mo ngu; mɛdua mo, na merentutu mo, efisɛ masesa mʼadwene wɔ amanehunu a mede baa mo so no ho.
11Munnsuro Babilon hene a mosuro no seesei no. Munnsuro no, yɛn Agya na ose, efisɛ meka mo ho sɛ mɛgye mo na mayi mo afi ne nsam.
12Mɛhu mo mmɔborɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a Babilon hene nso bɛhu mo mmɔborɔ, na wama moasan akɔ mo asase so.
13Nanso sɛ moka se, ‘Yɛrentena asase yi so,’ na moantie mo Agya nne, 14na moka se, ‘Dabi, yɛbɛkɔ Misraim, baabi a yɛrenhu ɔko, yɛrente totorobɛnto nne, ɛkɔm renne yɛn da, na yɛbɛtena hɔ,’ a, 15ɛno de, montie yɛn Agya asɛm, Yuda nkae. Sɛɛ na ɔsoro dɔm Agya, Israel Agya, se: Sɛ moasi mo bo sɛ mobɛkɔ Misraim akɔtena hɔ a, 16ɛno de, akofena a musuro no bɛto mo wɔ Misraim, ɔkɔm a ɛyɛ mo hu no bɛdi mo akyi akɔ Misraim, na ɛhɔ na mobɛwuwu. 17Wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔtena Misraim nyinaa bɛwuwu wɔ akofena, ɔkɔm ne ɔyaredɔm mu; obiara renka, na obiara rentumi nguan amanehunu a mede bɛba wɔn so no.
18Sɛɛ na ɔsoro dɔm Agya, Israel Agya, se: Sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew guu Yerusalemfo so no, saa ara na mʼabufuwhyew bɛgu mo so bere a mobɛkɔ Misraim no. Mobɛyɛ nnome, ahodwiriw, fɛwdi ne animguase ade, na morenhu beae yi bio da.”
19“Yɛn Agya aka akyerɛ mo, Yuda nkae se: Monnkɔ Misraim. Monhu no pefee sɛ ɛnnɛ mebɔ mo kɔkɔ. 20Mudaadaa mo ho ma mo nkwa kɔɔ asiane mu, efisɛ mosomaa me kɔɔ mo Agya nkyɛn se, ‘Bɔ yɛn Agya mpae ma yɛn; biribiara a ɔbɛka no, ka kyerɛ yɛn na yɛbɛyɛ.’ 21Ɛnnɛ maka akyerɛ mo, nanso moantie mo Agya nne wɔ biribiara a ɔsomaa me sɛ memmɛka nkyerɛ mo no mu. 22Enti monhu no pefee sɛ: mobɛwuwu wɔ akofena, ɔkɔm ne ɔyaredɔm mu wɔ baabi a mopɛ sɛ mokɔtena no.”