Wɔyi Nnompe Fi Adamoa Mu
Nnipa hwe ase na wɔsan sɔre; saa ɔman yi hwe ase na ɔda hɔ ara. Nnomaa a wotu kwan nim wɔn bere yiye sen sɛnea Yuda nim n'Agya akwan. Yeremia a awerɛhow ama wayare bisa sɛ aduru biara nni Gilead anaa — na ti no mmua no.
Yɛn Agya kasa wɔ nkyekyɛmu ahorow 1–14, 17
8 1“Saa bere no mu,’ yɛn Agya na ose, ‘wɔbɛyi Yuda ahemfo, adwumayɛfo mpanyin, asɔfo, adiyifo ne Yerusalemfo nnompe afi wɔn adamoa mu. 2Wɔbɛtrɛtrɛw nnompe no ahyɛ owia, ɔsram ne ɔsoro dɔm a wɔdɔɔ wɔn, somm wɔn, dii wɔn akyi, bisaa wɔn nsɛm, na wɔkotow wɔn no nyinaa anim. Wɔremmoaboa ano, wɔrensie, na ɛbɛyɛ sɛ sumina a ɛgu asase so. 3Saa abusua bɔne yi nkaefo nyinaa, baabiara a mapam wɔn akɔ no, wɔbɛpɛ owu sen nkwa,’ ɔsoro dɔm Agya no na ose.
Nkurɔfo a Wɔrensan Mma
4“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na yɛn Agya se: Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre? Sɛ obi dan ne ho fi hɔ a, ɔnsan mma? 5Ɛno de, adɛn nti na saa nkurɔfo yi, Yerusalem, adan wɔn ho kɔ akyi daa daa? Wɔkura nnaadaa mu denneennen; wɔpo sɛ wɔbɛsan aba.’ 6Mayɛ aso atie yiye, nanso wɔnka nea ɛtene. Obiara nnan mfi nʼamumɔyɛ ho mmisa se, ‘Dɛn na mayɛ?’ Obiara tu nʼankasa kwan, te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔretu mmirika akɔ ɔko mu. 7Ɔkɔre a ɔwɔ wim mpo nim ne mmere a wɔahyɛ ama no, na aborɔnoma, asomfena ne asukɔnkɔn di bere a wɔba no so. Nanso me nkurɔfo nnim wɔn Agya akwan a ɛtene no. 8Ɔkwan bɛn so na mobɛtumi aka se, ‘Yɛyɛ anyansafo, na yɛn Agya mmara wɔ yɛn nkyɛn,’ bere a nokware mu no, akyerɛwfo kyerɛwdua a ɛdi atoro no adan no atoro? 9Anyansafo ani bɛwu; wɔn ho bɛpopo, na wɔbɛtɔ afiri mu. Hwɛ, wɔapo mʼasɛm, enti nyansa bɛn na aka wɔn mu? 10Enti mede wɔn yerenom bɛma afoforo, na mede wɔn mfuw bɛma wuranom foforo. Efisɛ efi ketewa so kosi kɛse so no, obiara pɛ mfaso a ɛnteɛ; efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so no, obiara di nnaadaa.’ 11Wɔkyekyere me nkurɔfo babea no kuru te sɛ nea ɛnyɛ hwee, na wɔka se, ‘Asomdwoe, asomdwoe,’ bere a asomdwoe biara nni hɔ. 12Wɔn ani wuu wɔ akyiwade a wɔyɛe no ho? Dabi, wɔn ani anwu koraa; wonnim sɛnea wɔn anim bɛyɛ kɔkɔɔ mpo. Enti wɔbɛhwe ase wɔ wɔn a wɔahwe ase no mu; bere a medi wɔn ho dwuma no, wɔbɛbrɛ wɔn ase,’ yɛn Agya na ose. 13‘Ampa ara mɛboaboa wɔn ano,’ yɛn Agya na ose. ‘Bobe aba biara renni bobe dua so, borɔdɔma biara renni borɔdɔma dua so, na nhaban no bɛwo; nea mede maa wɔn no bɛfi wɔn nsa.’
14“Adɛn nti na yɛte ha? Mommoaboa mo ho ano! Momma yɛnguan nkɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu, na yɛnkɔwu wɔ hɔ, efisɛ yɛn Agya ahyɛ sɛ yɛnwu, na wama yɛanom nsu a awuduru wom, esiane sɛ yɛayɛ bɔne atia no nti.”
15Yɛhwɛɛ asomdwoe kwan, nanso papa biara amma; yɛhwɛɛ ayaresa bere kwan, nanso mmom ehu na ɛwɔ hɔ. 16Ɔtamfo apɔnkɔ hwene mu nnyigyei no, wɔte fi Dan; wɔn apɔnkɔ nini su nnyigyei nti asase no nyinaa woso. Wɔba bɛmene asase no ne biribiara a ɛwɔ so, kuropɔn no ne wɔn a wɔte mu nyinaa.
17“Efisɛ hwɛ, meresoma awɔ a wɔwɔ awuduru aba mo mu, nnanka a nnuruyɛ biara ntumi nnwudwo wɔn, na wɔbɛka mo,” yɛn Agya na ose.
Yeremia Su Ma Ne Nkurɔfo
18Mʼanigye asa, awerɛhow abu me so; me koma yare wɔ me mu. 19Tie—me nkurɔfo babea no su a efi asase a ɛwɔ akyirikyiri so: “Yɛn Agya nni Sion anaa? Ne Hene nni ne mu bio anaa?” “Adɛn nti na wɔahyɛ me abufuw wɔ wɔn ahoni a wɔasen ho, wɔ wɔn ananafo abosom huhuw ho? 20Twabere atwam, ahohuru bere no aba nʼawiei, na wɔnnyee yɛn nkwa.” 21Me nkurɔfo babea no kuru nti mabubu; mesu, na ehu akyekyere me. 22Aduru nni Gilead anaa? Oduyɛfo nni hɔ anaa? Ɛno de, adɛn nti na me nkurɔfo babea no ayaresa mmae?