Mmɔborɔhunu ma Benyamin nkaefo no
Esiane sɛ Israel aka ntam sɛ wɔn babea biara renware Benyamini nti, wosu wɔ yɛn Agya anim sɛ abusuakuw bi reyera, na wɔde basabasayɛ foforo siesie: wokunkum Yabes-Gilead nkurɔfo de nya mmabaa ahanan a wonnim ɔbarima, na wɔka kyerɛ wɔn a wɔaka no sɛ wɔnkɔtɛw Silo mmabaa a wɔresaw no so.
21 1Israel mmarima no aka ntam wɔ Mispa se, “Yɛn mu biara remfa ne babaa mma Benyamin sɛ ɔyere.” 2Nnipa no baa Betel, na wɔtenaa hɔ wɔ yɛn Agya anim kosii anwummere, na wɔteɛteɛɛ mu sui yayaw. 3Wɔkae se, “Yɛn Agya, Israel Nyankopɔn, adɛn nti na eyi asi wɔ Israel, sɛ abusuakuw baako ayera afi Israel mu nnɛ?”
4Ade kyee no, nnipa no sɔree anɔpa tutuutu, na wosii afɔremuka wɔ hɔ, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. 5Afei Israelfo bisaa se, “Israel mmusuakuw nyinaa mu, abusuakuw bɛn na amforo amma nhyiam no ase, yɛn Agya nkyɛn?” Efisɛ na wɔaka ntam denneennen se obiara a ɔamforo amma yɛn Agya nkyɛn wɔ Mispa no, ɛsɛ sɛ wokum no ampa. 6Israelfo werɛ howee wɔ wɔn nua Benyamin ho. Wɔkae se, “Nnɛ wɔatwa abusuakuw baako afi Israel ho. 7Ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama nkaefo no, efisɛ yɛde yɛn Agya aka ntam se yɛremfa yɛn mmabaa mma wɔn?” 8Afei wobisaa se, “Israel mmusuakuw mu, abusuakuw bɛn na amforo amma yɛn Agya nkyɛn wɔ Mispa?” Obiara amfi Yabes-Gilead amma nsraban no mu, nhyiam no ase. 9Efisɛ bere a wɔkan nnipa no no, na Yabes-Gilead tefo no mu baako mpo nni hɔ. 10Nhyiam no somaa wɔn akofo akokodurufo mpem dumienu kɔɔ hɔ, na wɔhyɛɛ wɔn se, “Monkɔ na momfa afoa nkunkum Yabes-Gilead tefo no, a mmaa ne mmofra ka ho. 11Monyɛ eyi: Monsɛe ɔbarima biara pasaa, ne ɔbaa biara a ɔne ɔbarima ada.” 12Wohuu mmabaawa ahanan a wonnim ɔbarima da wɔ Yabes-Gilead tefo no mu, na wɔde wɔn baa nsraban no mu wɔ Silo, wɔ Kanaan asase so.
13Afei asafo no nyinaa somaa nkurɔfo kɔɔ Benyaminfo a wɔwɔ Rimon botan no so no nkyɛn, na wɔbɔɔ asomdwoe ho dawuru kyerɛɛ wɔn. 14Saa bere no Benyaminfo san bae; na wɔde mmaa a wogyaw wɔn nkwa wɔ Yabes-Gilead no maa wɔn, nanso na wɔnnɔɔso mma wɔn nyinaa. 15Nnipa no werɛ howee wɔ Benyamin ho, efisɛ na yɛn Agya ama mpaapaemu aba Israel mmusuakuw mu. 16Nhyiam no mpanyimfo kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama nkaefo no, efisɛ wɔatɔre Benyamin mmaa ase?” 17Wɔkae se, “Ɛsɛ sɛ Benyamin nkaefo nya agyapade, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmpepa abusuakuw biara mfi Israel mu. 18Yɛrentumi mfa yɛn mmabaa mma wɔn sɛ yerenom, efisɛ Israel aka ntam se, ‘Nnome nka obiara a ɔde ɔyere ma Benyamin.’” 19Wɔkae se, “Yɛn Agya afahyɛ bi wɔ hɔ afe biara wɔ Silo, Betel atifi fam, kwan a efi Betel kɔ Sekem no apuei fam, Lebona anafo fam.” 20Na wɔhyɛɛ Benyaminfo se, “Monkɔ nkɔtetɛ mo ho wɔ bobe nturo no mu. 21Monhwɛ, sɛ Silo mmabaawa no fi adi bɛsa a, monfi bobe nturo no mu ntɛm mmra, na mo mu biara nkyere ɔyere mfi Silo mmabaawa no mu, na monkɔ Benyamin asase so. 22Sɛ wɔn agyanom anaa wɔn nuanom ba yɛn nkyɛn bɛnwiinwii a, yɛbɛka akyerɛ wɔn se, Monkyerɛ wɔn adom wɔ yɛn nti, efisɛ yɛankyere ɔyere amma wɔn mu biara wɔ ɔko mu, na mo ankasa mfaa yerenom amma wɔn; anyɛ saa a, anka mo fɔ seesei.”
23Enti Benyamin mma yɛɛ saa: wɔfaa yerenom, obiara baako, fii mmaa a wɔresaw a wɔkyeree wɔn no mu, na wɔsan kɔɔ wɔn agyapade so, na wɔsan kyekyeree nkurow no, na wɔtenaa mu. 24Saa bere no Israelfo fii hɔ, obiara kɔɔ nʼabusuakuw ne nʼabusua mu; obiara fii hɔ kɔɔ nʼagyapade so. 25Saa nna no mu, na ɔhene biara nni Israel; obiara yɛɛ nea ɛteɛ wɔ nʼankasa ani so.