Agya no Abufuw Sɛe Sion
Ɔnwontofo no bɔ nea ɔyɛɛ eyi din. Tumfo Agya no na ɔkuntunn ne tadua, ɔsusuw ɔfasu no ansa na ɔbubuu no, na ɔbɛyɛɛ sɛ ɔtamfo ma Sion. Mmofra wuwu wɔ wɔn maamenom nsa so. Biribiara nsiesie; anwonsɛm no kɔ so hwehwɛ ara kɛkɛ sɛ yɛn Agya nhwɛ na onsusuw ho.
2 1Sɛnea Otumfo Agya de nʼabufuw akata Ɔbabea Sion so te sɛ omununkum! Watow Israel anuonyam afi ɔsoro aba asase so; wankae ne nan ntiaso nʼabufuw da no. a a v1 Ne nan ntiaso: Yerusalem asɔrefi no, baabi a Onyankopɔn tenaa asase so no. 2Otumfo Agya amene Yakob atenae nyinaa a onhuu wɔn mmɔbɔ; nʼabufuw mu, wabubu Ɔbabea Yuda abannennen agu. Ɔde nʼahenni ne ne sodifo aba fam animguase mu. 3Abufuw a ano yɛ den mu, wayi Israel ahoɔden nyinaa afi ne so; watwe ne nsa nifa asan, agyaw wɔn ama ɔtamfo. Wahyew wɔ Yakob mu te sɛ ogya a ɛredɛw a ɛhyew baabiara. 4Wakuntun nʼagyan te sɛ ɔtamfo, ne nsa nifa asiesie ne ho te sɛ ɔtamfo; na wakunkum wɔn a wɔn ho yɛ fɛ sɛ wohu wɔn nyinaa. Ɔbabea Sion ntamadan mu, wahwie nʼabufuw agu hɔ te sɛ ogya. 5Otumfo Agya ayɛ sɛ ɔtamfo; wamene Israel. Wamene nʼahemfi nyinaa na wadan nʼabannennen ayɛ amamfo, na wama awerɛhow ne agyaadwotwa adɔɔso wɔ Ɔbabea Yuda so. 6Wapepa ne ntamadan te sɛ turo, wasɛe ne hyiabea a wahyɛ. Yɛn Agya ama Sion werɛ afi afahyɛ a wɔahyɛ da ne homenna, na nʼabufuw denden mu wapo ɔhene ne ɔsɔfo. 7Otumfo Agya apo nʼafɔremuka, wapo ne kronkronbea; wade nʼahemfi afasu ahyɛ ɔtamfo nsa. Wɔteɛɛm wɔ yɛn Agya fi mu sɛnea wɔyɛ afahyɛ da. 8Yɛn Agya bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Ɔbabea Sion fasu. Ɔtwee susuhama no; wanyi ne nsa amfi ɔsɛe ho. Ɔmaa abannennen ne fasu dii awerɛhow; wɔbɔɔ mu bubuu guu. 9Nʼapon amem afa fam; wasɛe nʼadaban abubu. Ne hene ne nʼahenemma wɔ amanaman no mu; mmara no nni hɔ bio, na nʼadiyifo nnya anisoadehu biara mfi yɛn Agya hɔ. 10Ɔbabea Sion mpanyimfo te fam dinn; wɔde mfutuma agu wɔn ti so na wɔafura awerɛhow ntade. Yerusalem mmabaa abɔ wɔn ti ase akɔka fam. 11Mʼani abrɛ esu nti; me yam rehyehye; me koma ahwie agu fam me nkurɔfo babea sɛe nti, bere a mmofra ne nkokoaa retotɔ piti kurow no mmɔnten so. 12Wɔteɛm ka kyerɛ wɔn nanom se, “Ɛhe na abodo ne bobesa wɔ?” bere a wɔretotɔ piti te sɛ apiramfo kurow no mmɔnten so, bere a wɔn nkwa rehwie agu wɔn nanom kokom. 13Dɛn na metumi aka ama wo, dɛn na metumi de wo ato ho, Ɔbabea Yerusalem? Dɛn na metumi de atoto wo ho, na makyekye wo werɛ, Ɔbabea Sion ɔbaabun? Efisɛ wo sɛe no trɛw sɛ po; hena na obetumi asa wo yare? 14Wʼadiyifo ahu anisoadehu ama wo, a ɛyɛ atoro ne nnaadaa; wɔanna wo bɔne adi sɛnea wo nkɔso bɛsan aba, na mmom wɔahu nkɔmhyɛ a ɛyɛ atoro na ɛdaadaa nnipa ama wo. 15Wɔn a wɔretwam nyinaa bɔ wɔn nsam gu wo; wɔbɔ hwiren na wɔwosow wɔn ti gu Ɔbabea Yerusalem, ka se, “Eyi ne kurow a na wɔfrɛ no ahoɔfɛ mu pɛyɛ, asase nyinaa anigye no ana?” 16Wʼatamfo nyinaa abue wɔn ano atia wo; wɔbɔ hwiren, wɔtwitwi wɔn se na wɔteɛm se, “Yɛamene no! Eyi ne da a yɛpɛɛ no; yɛanya no, yɛahu no!” 17Yɛn Agya ayɛ nea ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ; wama nʼasɛm a ɔhyɛɛ ho mmara tete no aba mu. Wabubu agu a onhuu mmɔbɔ; wama ɔtamfo adi ahurusi wɔ wo so na wapagya wʼatamfo tumi. 18Nnipa no koma teɛɛm frɛɛ Otumfo Agya. Ɔbabea Sion fasu, ma wo nisu nsen ntene sɛ asuten awia ne anadwo! Mma wo ho nhome, na mma wʼani nnya ahomegye. 19Sɔre, teɛm anadwo anadwo wɛn biara mfiase! Hwie wo koma gu te sɛ nsu Otumfo Agya anim! Ma wo nsa so kyerɛ no srɛ ma wo mma nkwa, a ɔkɔm nti wɔretotɔ piti mmɔnten nkyɛn biara so no. 20Hwɛ, yɛn Agya, na dwen ho: hena na woayɛ no saa pɛn? Ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafunu mu aba, mmofra a wɔaturu wɔn no? Ɛsɛ sɛ wokum ɔsɔfo ne odiyifo Otumfo Agya kronkronbea mu? 21Mmofra ne mpanyin da fam wɔ mmɔnten so; me mmabaa ne me mmerante atotɔ wɔ afoa ano. Woakum wɔn wʼabufuw da no, woakunkum wɔn a wunhuu wɔn mmɔbɔ. 22Sɛnea wɔfrɛ nnipa kɔ afahyɛ da no, saa ara na wofrɛɛ ehu fi afanan nyinaa; na yɛn Agya abufuw da no obiara anguan anaa wannya ne ti anni. Me tamfo asɛe wɔn a meturuu wɔn na meyɛnee wɔn no.