MʼAgya, Mʼahoɔden
Ma nnwontofo panyin. Dawid, yɛn Agya akoa, dwom; ɔtoo saa nsɛm yi kyerɛɛ yɛn Agya da a wogyee no fii nʼatamfo nyinaa nsam ne Saul nsam no.
Bere a wogyee no fii Saul nsam akyi no, Dawid ka asɛm no nyinaa. Na owu nhama retwe no akɔmem, na ne su maa n'Agya sian fii soro faa mframa so, wɔ wusiw ne amparaboɔ mu, bɛtwee no fii nsu dɔkɔɔ mu, de no sii sorosoro mmeae.
18 1Medɔ wo, mʼAgya, mʼahoɔden. 2MʼAgya ne me botan ne mʼaban ne me gyefo; mʼAgya, me botan a meguan kɔ ne mu, me kyɛm ne me nkwagye ahoɔden, mʼabandennen. 3Mefrɛ mʼAgya a ɔfata ayeyi no, na wogye me fi mʼatamfo nsam.
4Owu ahama twaa me ho hyiae; ɔsɛe nsuworoso bu faa me so. 5Damoa ahama kyekyeree me; owu mfiri hyiaa me. 6Me ahohiahia mu no, mefrɛɛ mʼAgya; mesu frɛɛ mʼAgya sɛ ɔmmoa me. Ofi nʼasɔredan mu tee me nne, na me su a mesu kyerɛɛ no no duu nʼasom.
7Afei asase wosoe na ɛhinhimii; mmepɔ fapem popoe na ɛwosowosoe, efisɛ ne bo fuwii. 8Wusiw foro fii ne hwene mu, na ogya a ɛsɛe ade fii nʼano; nnyansramma a ɛredɛw tɔɔ fii ne mu. 9Ɔbrɛɛ ɔsoro ase sianee; sum kabii daa ne nan ase. 10Ɔtenaa kerub bi so tuu kɔe; ɔnam mframa ntaban so tuu kɔɔ sorosoro. 11Ɔde sum yɛɛ ne nkata, ne ntamadan a atwa ne ho ahyia— nsu tuntum ne ewim mununkum kabii. 12Ne mununkum pae fii hann a ɛwɔ nʼanim no mu, a amparamma ne gya nnyansramma ka ho. 13MʼAgya nso bɔɔ apranaa wɔ ɔsoro, na Ɔsorosoroni no maa ne nne so, a amparamma ne gya nnyansramma ka ho. 14Ɔtoo nʼagyan bɔɔ wɔn apetepete; ɔtoo anyinam bɔɔ wɔn basabasa. 15Afei wohuu po ase nsuten, na wiase fapem daa adi wʼanimka nti, mʼAgya, wo hwene mu home a ɛbɔ den no nti.
16Ofi soro teɛɛ ne nsa sɔɔ me mu; ɔtwee me fii nsu akɛse mu. 17Ogyee me fii me tamfo a ɔyɛ den no nsam, fii wɔn a wɔtan me no nsam, efisɛ na wɔyɛ den sen me. 18Wɔtoaa me wɔ me amanehunu da no, nanso mʼAgya gyinaa mʼakyi. 19Ɔde me baa baabi a ɛtrɛw; ogyee me, efisɛ nʼani gyee me ho.
20MʼAgya ne me dii sɛnea me trenee te; ɔde mʼakatua maa me sɛnea me nsa ho te. 21Efisɛ madi mʼAgya akwan so, na mamfa amumɔyɛ antwe me ho amfi mʼAgya ho. 22Efisɛ ne mmara nyinaa daa mʼanim, na mamfa ne nhyehyɛe angu nkyɛn. 23Me ho nnii asɛm wɔ nʼanim, na mekoraa me ho fii bɔneyɛ ho. 24Enti mʼAgya de mʼakatua ama me sɛnea me trenee te, sɛnea me nsa ho te wɔ nʼani so.
25Nokwafo no, woda wo ho adi kyerɛ wɔn sɛ nokwafo; wɔn a wɔn ho nni asɛm no, woda wo ho adi kyerɛ wɔn sɛ wo ho nni asɛm; 26wɔn a wɔn ho tew no, woda wo ho adi kyerɛ wɔn sɛ wo ho tew, nanso nnipa kontonkyi no, woda wo ho adi kyerɛ wɔn sɛ onitefo. 27Efisɛ wugye nnipa ahobrɛasefo nkwa, nanso ahantanfo aniwa no, wobrɛ ase. 28Efisɛ wo na wosɔ me kanea; mʼAgya ma me sum dan hann. 29Efisɛ wo mmoa so na mitumi tow hyɛ asraafo dɔm bi so, na mʼAgya mmoa so na mitumi huruw twa ɔfasu.
30MʼAgya de—ne kwan yɛ pɛ; mʼAgya asɛm yɛ nokware pɛpɛɛpɛ; ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔguan kɔ ne mu nyinaa. 31Efisɛ hena ne yɛn Agya, sɛ ɛnyɛ mʼAgya a? Na hena ne botan, sɛ ɛnyɛ yɛn Agya a? 32MʼAgya na ɔde ahoɔden hyɛ me mu na ɔma me kwan yɛ pɛ. 33Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforote nan na ɔma megyina dinn wɔ sorɔnsorɔmmea. 34Ɔtete me nsa ma ɔko, sɛnea ɛbɛyɛ a me basa betumi akuntun kɔbere bɛmma. 35Wode wo nkwagye kyɛm ama me; wo nsa nifa so me mu, na wo brɛoo ama mayɛ kɛse. 36Wotrɛw baabi ma me anammɔn wɔ mʼase, na me nan nwatiri.
37Metaa mʼatamfo kɔtoo wɔn; mansan mʼakyi kosii sɛ wɔsɛee koraa. 38Mebɔɔ wɔn hwee fam maa wɔantumi ansɔre; wɔtotɔɔ me nan ase. 39Wode ahoɔden hyɛɛ me mu maa ɔko no; womaa wɔn a wɔsɔre tiaa me no totɔɔ me nan ase. 40Womaa mʼatamfo danee wɔn akyi kyerɛɛ me, na wɔn a wɔtan me no, mesɛee wɔn. 41Wɔteɛɛm pɛɛ mmoa, nanso na obiara nni hɔ a obegye wɔn; wɔsu frɛɛ mʼAgya, nanso wammua wɔn. 42Mebɔɔ wɔn mu nketenkete sɛ mfutuma a mframa bɔ; mehwiee wɔn gui sɛ mmɔnten so dɔte. 43Wogyee me fii nnipa no ntawntawdi mu; woyɛɛ me amanaman no ti; nnipa a na minnim wɔn no som me seesei. 44Bere a wɔte me ho asɛm ara pɛ no, wotie me; ahɔho bɛbrɛ wɔn ho ase wɔ mʼanim. 45Ahɔho abam bu na wɔde ahopopo fi wɔn abandennen mu ba.
46MʼAgya te ase! Nhyira nka me botan, na wɔmma Agya a ogye me nkwa no so, 47Agya a odi me bem na ɔde aman hyɛ me nan ase no, 48a ogyee me fii mʼatamfo nsam no. Yiw, wopagyaa me korɔn sen wɔn a wɔsɔre tiaa me no; wogyee me fii ɔbarima basabasayɛfo no nsam. 49Enti mɛkamfo wo, mʼAgya, wɔ amanaman mu, na mato ayeyi nnwom ama wo din.
50Ɔde nkonimdi akɛse ma ne hene, na ɔda nʼapam mu adɔe adi kyerɛ nea wasra no no, kyerɛ Dawid ne nʼasefo daa.