Agya, Bu Me Bem
Dawid dwom.
Dawid srɛ sɛ wɔnhwehwɛ no mu, wɔnsɔ ne koma ne n'adwene nhwɛ na wɔntew ho, efisɛ watwe ne ho afi nnaadaafo ho ne nsa a kɛtɛasehyɛ ahyɛ mu ma. Nea ɔpɛ nyɛ atemmu, na mmom baabi a ɔbɛtena: efie a n'Agya anuonyam tena mu no.
26 1Bu me bem, mʼAgya, efisɛ manantew wɔ me pɛpɛyɛ mu, na mede me ho ato mʼAgya so a manhinhim.
2Hwehwɛ me mu, mʼAgya, na sɔ me hwɛ; tew me koma ne mʼadwene ho. 3Efisɛ wʼapam adɔe da mʼanim, na wo nokwaredi so na mebɔ me bra.
4Mentena nnipa nnaadaafo nkyɛn, na mene nyaatwomfo nnantew. 5Mekyi nnebɔneyɛfo nhyiam, na merentena amumɔyɛfo nkyɛn. 6Mehohoro me nsa wɔ me bem mu, na mekyinkyin wʼafɔremuka ho, mʼAgya, 7merebɔ me aseda dawuru nne kɛse mu, na mereka wo anwonwadwuma nyinaa ho asɛm.
8MʼAgya, medɔ ofie a wote mu no, baabi a wʼanuonyam tena no.
9Mpra me kra ne nnebɔneyɛfo nkɔ, na mpra me nkwa ne nnipa basabasayɛfo nkɔ, 10a amumɔyɛ nhyehyɛe wɔ wɔn nsam, na wɔn nsa nifa ahyɛ kɛtɛasehyɛ ma. 11Nanso me de, mebɔ me bra pɛpɛɛpɛ; gye me na dom me.
12Megyina asase tamaa so; wɔ badwa kɛse no mu mɛhyira mʼAgya.