Ɔte Ahengua So
Mprɛnsa na dwom no gyina ka sɛ, ɔno yɛ kronkron. Yɛn Agya, Ɔhene a ɔma asase wosow no, dɔ atɛntrenee nso, na ne nhwɛso ne Mose, Aaron ne Samuel — mmarima a ɔfi omununkum fadum mu buaa wɔn, ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn, na ɔda so ma wobuu wɔn nneyɛe ho akontaa.
99 1Yɛn Agya di hene; ma aman no mpopo! Ɔte ahengua so wɔ kerubim no so; ma asase nwosow! 2Yɛn Agya yɛ kɛse wɔ Sion; ɔkorɔn sen aman no nyinaa. 3Ma wɔnkamfo wo din kɛse a ɛyɛ hu no; ɔyɛ kronkron!
4Ɔhene a ɔwɔ tumi no dɔ atɛntrenee. Woatim pɛpɛyɛ; wode atɛntrenee ne trenee aba Yakob mu. 5Momma yɛn Agya so; monkotow wɔ ne nan ntiaso! Ɔyɛ kronkron!
6Mose ne Aaron kaa nʼasɔfo no ho, na Samuel kaa wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho. Wɔfrɛɛ yɛn Agya, na ɔbuaa wɔn. 7Ɔfi omununkum dum no mu kasa kyerɛɛ wɔn; wodii ne ahyɛde ne mmara a ɔde maa wɔn no so.
8Yɛn Agya, wobuaa wɔn; woyɛɛ Agya a ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn, nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn amumuyɛ ho. 9Momma yɛn Agya so, na monkotow wɔ ne bepɔ kronkron so; efisɛ yɛn Agya yɛ kronkron!