Ɔbarima a Ɔkura Susuhama
Obi a ɔsusuw asase sɔre sɛ ɔresusuw Yerusalem, na wɔka kyerɛ no sɛ ɔmmfa ne ho nhyɛ mu — kurow no bɛtrɛw aboro ɔfasu biara so. Yɛn Agya ankasa bɛyɛ ogya fasu atwa ne ho ahyia ne anuonyam a ɛwɔ ne mu, na aman bebree bɛka ne ho ayɛ ne mma.
Yɛn Agya kasa wɔ nkyekyɛmu ahorow 5–7, 10–12
2 1Afei mepagyaa mʼani, na mihuu ɔbarima bi a ɔkura susuhama wɔ ne nsa mu. 2Mebisaa no se, “Worekɔ he?” Ɔka kyerɛɛ me se, “Merekɔ akosusuw Yerusalem, ahu ne trɛw ne ne tenten.”
3Ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no kɔe, na ɔbɔfo foforo pue bɛhyiaa no, 4na ɔka kyerɛɛ no se, “Tu mmirika kɔka kyerɛ aberante yi se: ‘Yerusalem bɛtena sɛ asase a ɛtrɛw a ɔfasu nni ho, efisɛ nnipa ne mmoa bebree bɛwɔ ne mu.’
5Me ara mɛyɛ ogya fasu atwa ne ho ahyia, yɛn Agya na ose, na mɛyɛ anuonyam a ɛwɔ ne mu no.’”
6“Mommra! Mommra! Munguan mfi atifi fam asase so, yɛn Agya na ose, efisɛ mebɔɔ mo ahwete sɛ ɔsoro mframa anan, yɛn Agya na ose. 7Bra, Sion! Dwane, wo a wo ne Babilon babea te no.
8Sɛɛ na ɔsoro dɔm Agya se—bere a nʼanuonyam somaa me sɛ menkɔ amanaman a wɔfow mo no so no: obiara a ɔde ne nsa ka mo no, ɔde ne nsa ka nʼani ba:
9Efisɛ hwɛ, mɛhim me nsa wɔ wɔn so, na wɔbɛyɛ asade ama wɔn a na wɔsom wɔn no. Afei mobɛhu sɛ ɔsoro dɔm Agya na ɔsomaa me.
10To dwom na di ahurusi, Sion babea! Efisɛ hwɛ, mereba abɛtena wo mu, yɛn Agya na ose.
11“Da no, amanaman bebree bɛka yɛn Agya ho, na wɔabɛyɛ me mma. Mɛtena mo mu, na mobɛhu sɛ ɔsoro dɔm Agya na ɔsomaa me baa mo nkyɛn. 12Na yɛn Agya bɛfa Yuda sɛ ne kyɛfa wɔ asase kronkron no so, na wasan apaw Yerusalem bio.
13Honam nyinaa, monyɛ komm wɔ yɛn Agya anim, efisɛ ɔrekanyan ne ho afi ne tenabea kronkron mu.”