Amnon Gu Ne Nuabaa Tamar Ho Fi
Amnon yɛ ne ho sɛ ɔyare sɛnea ɔbɛnya ne nuabaa fã Tamar nko, ɔhyɛ no, afei ɔtan no na ɔto pon mu wɔ n'akyi. Tamar sunsuan n'atadeɛ na ɔtena Absalom fie sɛ ofoforɔ. Dawid bo fuw paa nanso ɔnyɛ hwee; mfe mmienu akyi Absalom ma wokum Amnon wɔ nnwan ho twitwa apontoɔ ase, na oguan.
13 1Eyi akyi no, na Dawid ba Absalom wɔ nuabaa ɔhoɔfɛfo bi a ne din de Tamar, na Dawid ba Amnon dɔɔ no. 2Amnon dwennwen ne nuabaa Tamar ho araa ma ɔyɛɛ ne ho yarefo; efisɛ na Tamar yɛ ɔbaabun, na Amnon anhu ɔkwan biara a ɔbɛfa so abɛn no. 3Amnon wɔ adamfo bi a ne din de Yonadab, Dawid nuabarima Simea ba; Yonadab yɛ onitefo kɛse. 4Ɔbisaa Amnon se, “Ɔhene ba, adɛn nti na anɔpa biara wʼanim yɛ basaa saa? Worenka nkyerɛ me?” Amnon buaa no se, “Medɔ me nuabarima Absalom nuabaa Tamar.”
5“Kɔda wo mpa so na yɛ wo ho sɛ wo yare,” Yonadab ka kyerɛɛ no. “Sɛ wʼagya ba bɛhwɛ wo a, ka kyerɛ no se, ‘Mesrɛ wo, ma me nuabaa Tamar mmɛma me aduan. Ma ɔnnoa aduan no wɔ baabi a mehu, na madi afi ne nsa mu.’”
6Amnon kɔdaa hɔ, na ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔyare. Bere a ɔhene bɛhwɛɛ no no, Amnon ka kyerɛɛ no se, “Ma me nuabaa Tamar mmra mmɛto burodo abien wɔ mʼanim, na madi afi ne nsa mu.”
7Dawid soma kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ ahemfie hɔ se, “Kɔ wo nuabarima Amnon fi na kɔnoa aduan ma no.” 8Tamar kɔɔ ne nuabarima Amnon fi, faako a ɔda no. Ɔfaa asikresiam, fɔtɔɔ no, nwenee burodo wɔ nʼanim, na ɔtoo no. 9Ɔfaa kyɛnsee no, de aduan no maa no, nanso wampɛ sɛ ɔbɛdi. Amnon kae se, “Monyi obiara mfi ha.” Enti obiara fii ne nkyɛn kɔe. 10Amnon ka kyerɛɛ Tamar se, “Fa aduan no bra pia mu, na madi afi wo nsa mu.” Tamar faa burodo a ɔtoe no, de kɔmaa ne nuabarima Amnon wɔ pia mu hɔ. 11Bere a ɔde bɛn no sɛ onni no, ɔsoo ne mu se, “Bra bɛda me nkyɛn, me nuabaa.”
12“Dabi, me nuabarima!” Tamar kae. “Nhyɛ me. Wɔnyɛ adeyɛ a ɛte saa da wɔ Israel. Nyɛ animguase ade yi. 13Na me de, ɛhe na mɛtumi de mʼanimguase akɔ? Na wo nso, wobɛyɛ sɛ Israel nkwasea animtiaa no mu baako. Mesrɛ wo, ka kyerɛ ɔhene; ɔremfa me nkame wo.”
14Nanso wampɛ sɛ ɔbɛtie; esiane sɛ na ne ho yɛ den sen Tamar nti, ɔhyɛɛ no, na ɔne no daa. 15Afei Amnon tan no ɔtan kɛse; ɛsen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Ɔka kyerɛɛ no se, “Sɔre na fi ha kɔ!”
16“Dabi,” Tamar kae, “sɛ wopam me a, ɛyɛ bɔne kɛse sen nea woayɛ me dedaw no.” Nanso Amnon ampɛ sɛ ɔbɛtie.
17Ɔfrɛɛ nʼakoa ka kyerɛɛ no se, “Yi ɔbaa yi fi ha, na to pon no mu krado wɔ nʼakyi.”
18Tamar hyɛɛ atade tenten a wɔadi ho adwinni; saa bere no, ɛno ne atade a ɔhene mmabaa a wɔyɛ mmabun no hyɛ. Amnon akoa no yii no kɔɔ abɔnten, na ɔtoo pon no mu krado wɔ nʼakyi. 19Tamar de nsɔ guu ne ti so, na ɔtetee atade tenten a wɔadi ho adwinni a ɔhyɛ no. Ɔde ne nsa guu ne ti so kɔe, na ɔrekɔ no, ɔsuu denneennen. 20Ne nuabarima Absalom bisaa no se, “Wo nuabarima Amnon ne wo daa? Afei, me nuabaa, yɛ dinn; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa eyi nhyɛ wo koma mu.” Enti Tamar tenaa ne nuabarima Absalom fi sɛ ɔbaa a ne ho abɔ no pasaa.
21Bere a ɔhene Dawid tee eyi nyinaa no, ne bo fuw yiye. 22Absalom anka biribiara ankyerɛ Amnon, sɛ papa anaa bɔne, efisɛ na ɔtan no sɛ wagu ne nuabaa Tamar ho fi.
Absalom Tɔ Were Ma Ne Nuabaa Tamar
23Mfe abien pɛpɛɛpɛ akyi no, Absalom nnwantwitwafo wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim, na ɔtoo nsa frɛɛ ɔhene mmabarima nyinaa. 24Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Wo somfo wɔ nnwantwitwafo. Ɔhene ne ne nkoa bɛka me ho akɔ?”
25“Dabi, me ba,” ɔhene ka kyerɛɛ Absalom, “ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ, anyɛ saa a yɛbɛyɛ adesoa ama wo.” Ɛwom sɛ Absalom hyɛɛ no so de, nanso wankɔ, na mmom ohyiraa no.
26Absalom kae se, “Sɛ ɛnte saa a, mesrɛ wo, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.” Ɔhene bisaa no se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔne wo kɔ?”
27Nanso Absalom hyɛɛ no so, enti ɔmaa Amnon ne ɔhene mmabarima nyinaa ne no kɔe. 28Absalom hyɛɛ ne nkoa se, “Monhwɛ yiye. Sɛ nsa ma Amnon ani gye, na meka se, ‘Monwɔ Amnon,’ a, monkum no. Monnsuro. Ɛnyɛ me ankasa na mahyɛ mo? Monyɛ den na monyɛ akokoɔdurufo.”
29Absalom nkoa yɛɛ Amnon sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn no. Afei ɔhene mmabarima nyinaa sɔree, wɔn mu biara tenaa ne afurumpɔnkɔ so, na wɔdwanee.
30Bere a wɔda so wɔ kwan so no, Dawid tee se, “Absalom akunkum ɔhene mmabarima nyinaa; wɔn mu baako mpo nka.”
31Ɔhene sɔree, sunsuanee ne ntade, na ɔdaa fam; ne nkoa nyinaa gyinagyinaa ne ho a wɔasunsuan wɔn ntade. 32Nanso Dawid nuabarima Simea ba Yonadab kae se, “Ɛnsɛ sɛ me wura susuw sɛ wɔakunkum mmerante no nyinaa, ɔhene mmabarima no. Amnon nkutoo na wawu. Efi da a Amnon guu ne nuabaa Tamar ho fi no na Absalom bɔɔ eyi ho pɔw. 33Ɛnsɛ sɛ me wura ɔhene de asɛm yi hyɛ ne koma mu, na osusuw sɛ ɔhene mmabarima nyinaa awuwu. Amnon nkutoo na wawu.”
34Saa bere no, na Absalom adwane. Ɔwɛmfo aberante no maa nʼani so hui sɛ nnipa bebree resiane ɔkwan a ɛwɔ bepɔ no ho wɔ nʼakyi no so reba. 35Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene se, “Hwɛ, ɔhene mmabarima no aba. Ɛte sɛnea wo somfo kae no pɛpɛɛpɛ.” 36Bere a owiee ne kasa no, ɔhene mmabarima no duruu hɔ a wɔresu denneennen; ɔhene ne ne nkoa nyinaa nso suu yiye.
37Absalom dwanee kɔɔ Gesur hene Talmai, Amihud ba, nkyɛn. Dawid dii ne ba no ho awerɛhow da biara. 38Bere a Absalom dwanee kɔɔ Gesur no, ɔtenaa hɔ mfe abiɛsa. 39Na ɔhene Dawid koma pɛɛ sɛ ɔkɔ Absalom nkyɛn, efisɛ na ne werɛ akyekye wɔ Amnon wu ho.