Agya no Apam a Ɔne Dawid Yɛe
Dawid pɛ sɛ ɔsi sida fie ma yɛn Agya. Mmuaeɛ no dane no: yɛn Agya na ɔbɛsi fie ama Dawid, aseni a n'ahengua bɛgyina daa—Mɛyɛ n'Agya, na ɔbɛyɛ me ba. Dawid tena ase, na ɔde nwonwa bɔ mpaeɛ san de ka kyerɛ no.
Yɛn Agya kasa wɔ nkyekyɛmu ahorow 5–16
7 1Bere a ɔhene no tenaa ne fi mu, na yɛn Agya ama no ahomegye afi nʼatamfo a wɔatwa no ho ahyia nyinaa nsam no, 2ɔhene no ka kyerɛɛ odiyifo Natan se, “Hwɛ, mete ofi a wɔde sida asi mu, nanso yɛn Agya adaka no da ntamadan mu.”
3Natan ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Kɔ na kɔyɛ biribiara a ɛwɔ wʼakoma mu, efisɛ yɛn Agya ka wo ho.”
4Nanso anadwo no ara, yɛn Agya asɛm baa Natan nkyɛn se:
5“Kɔ na kɔka kyerɛ me somfo Dawid se: Sɛɛ na wʼAgya se: ‘Wo na wobɛsi ofi ama me ma mate mu anaa? 6Efi da a miyii Israel fii Misraim de besi nnɛ, mentenaa ofi mu da, na mmom mede ntamadan ayɛ me tenabea, na mefi baabi kɔ baabi.’ 7Baabiara a me ne Israel nyinaa kɔɔ no, so mika kyerɛɛ wɔn akannifo a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ me nkurɔfo no mu baako pɛ da se, ‘Adɛn nti na moansi sida fi amma me?’ 8Afei ka kyerɛ me somfo Dawid se: Sɛɛ na ɔsoro asafo Agya se: ‘Miyii wo fii adidibea hɔ, bere a na wodi nnwan akyi no, sɛ wo na wobɛdi me nkurɔfo Israel so. 9Me ne wo kɔɔ baabiara a wokɔe, na metwaa wʼatamfo nyinaa fii wʼanim. Mɛma wo din ayɛ kɛse, te sɛ asase so akunini a wɔyɛ kɛse koraa no din. 10Mɛma me nkurɔfo Israel baabi, na madua wɔn hɔ, sɛnea wɔbɛtena wɔn ankasa beae a obiara renhaw wɔn. Basabasayɛfo renhyɛ wɔn so bio sɛnea wɔyɛe kan no, 11efi bere a mesii atemmufo wɔ me nkurɔfo Israel so no. Mɛma wo ahomegye afi wʼatamfo nyinaa nsam. WʼAgya nso da no adi kyerɛ wo se ɔno ankasa na ɔbɛyɛ fi ama wo. 12Sɛ wo nna so na wo ne wo nananom kɔda a, mɛma wʼasefo a ofi wo ankasa yam no asɔre adi wʼakyi, na mɛma nʼahenni atim. 13Ɔno na ɔbɛsi ofi ama me din, na mɛma nʼahenni ahengua atim daa. 14Mɛyɛ nʼAgya, na ɔno nso bɛyɛ me ba. Sɛ ɔyɛ bɔne a, mede onipa abaa betwe nʼaso, ne mpire a nnipa nsa bɔ, 15nanso mʼadɔe remfi ne so, sɛnea meyii no fii Saul so, ɔno a meyii no fii wʼanim no. 16Wo fi ne wʼahenni bɛtim daa wɔ mʼanim; wʼahengua bɛtim daa.’”
17Natan kaa saa nsɛm yi nyinaa ne anisoadehu yi nyinaa kyerɛɛ Dawid.
Dawid Da Ase wɔ NʼAgya Anim
18Afei Ɔhene Dawid kɔtenaa yɛn Agya anim kae se, “Me ne hena, Otumfoɔ Agya, na me fi nso yɛ dɛn, a wode me aba akyiri ha yi? 19Sɛ nea eyi yɛ ade ketewa wɔ wʼani so no, Otumfoɔ Agya, woaka wo somfo fi ho asɛm nso akosi daakye akyirikyiri. Saa na woyɛ wo ne adesamma nyinaa ntam anaa, Otumfoɔ Agya? 20Dɛn bio na Dawid betumi aka akyerɛ wo? Efisɛ wonim wo somfo, Ao Otumfoɔ Agya. 21Wʼasɛm nti ne wʼankasa wʼakoma nti, woayɛ saa nneɛma akɛse yi nyinaa, na woada no adi akyerɛ wo somfo. 22Enti woyɛ kɛse, Otumfoɔ Agya. Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, na Onyankopɔn biara nni hɔ ka wo ho, sɛnea yɛde yɛn ankasa yɛn aso ate no nyinaa. 23Hena na ɔte sɛ wo nkurɔfo Israel, ɔman koro pɛ a ɛwɔ asase so a yɛn Agya kɔɔ sɛ ɔrekɔgye wɔn ama wɔayɛ ne nkurɔfo, de ayɛ din ama ne ho, na ɔyɛɛ nneɛma akɛse ne nneɛma a ɛyɛ hu maa wo—ɔpam aman ne wɔn anyame fii wo nkurɔfo a wogyee wɔn fii Misraim maa wo ho no anim? 24Woyɛɛ wo nkurɔfo Israel wo dea daa, na wo, yɛn Agya, bɛyɛɛ wɔn Agya.
25Na afei, yɛn Agya, ma asɛm a woaka afa wo somfo ne ne fi ho no nnyina daa, na yɛ sɛnea wohyɛɛ bɔ no.’ 26Wo din bɛyɛ kɛse daa, na nnipa aka se, ‘Ɔsoro asafo Agya ne Onyankopɔn a ɔwɔ Israel so.’ Wo somfo Dawid fi bɛtim wɔ wʼanim. 27Efisɛ wo, ɔsoro asafo Agya, Israel Nyankopɔn, woada eyi adi akyerɛ wo somfo se, ‘Mɛsi fi ama wo.’ Enti wo somfo anya akokoduru sɛ ɔbɔ mpae yi kyerɛ wo.
28Na afei, Otumfoɔ Agya, wo ne Onyankopɔn, wo nsɛm yɛ nokware, na woahyɛ wo somfo saa ade pa yi ho bɔ. 29Enti afei, mesrɛ wo, hyira wo somfo fi, na ɛntena hɔ daa wɔ wʼanim. Efisɛ wo, Otumfoɔ Agya, na woaka, na wo nhyira nti wo somfo fi benya nhyira daa.”