Wɔgyee Wɔn Fɛw wɔ Malta
Ɔwɔ ka Paulo wɔ Malta, na supɔfoɔ no twɛn sɛ ɔbɛhwe ase, afei wɔka sɛ ɔyɛ onyame. Wɔ Roma ɔfa dan bi tena mu, wɔde no akyekyere ɔwɛmfoɔ bi ho, na ɔkyerɛkyerɛ yɛn Agya ahennie ne Yesu ho asɛm mu kyerɛ Yudafoɔ mpanimfoɔ. Ebinom gye di, ebinom nnye nni, na asɛm no gyae saa ara.
28 1Bere a wɔde yɛn duu hɔ dwoodwoo no, yɛtee sɛ wɔfrɛ asupɔw no Malta. 2Ɛhɔ nnipa no yɛɛ yɛn ayamye a ɛboro so: wɔsoo ogya, na wɔgyee yɛn nyinaa fɛw, efisɛ osu afi ase retɔ, na awɔw wɔ hɔ. 3Bere a Paulo boaboaa nnyina ano de guu ogya no so no, ɔwɔ bi fi ogya no hyew mu puei, na ɛkeka ne nsa mu kyeree. 4Bere a asupɔw no so nnipa no huu aboa no sɛ ɔsensɛn ne nsa mu no, wɔka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Ɛsɛ sɛ ɔbarima yi yɛ awudifo—ɛwom sɛ wadwane afi po mu de, nanso Atɛntrenee remma no kwan sɛ ɔntena nkwa mu.” 5Nanso ɔpopaa aboa no guu ogya no mu, na wanhu amane biara. 6Wɔhwɛɛ kwan sɛ ne honam bɛhonhon, anaasɛ ɔbɛhwe fam prɛko pɛ awu. Nanso wɔhwɛɛ no bere tenten, na wɔanhu sɛ biribi bɔne biara aba ne so no, wɔsesaa wɔn adwene, na wɔkae sɛ ɔyɛ onyame.
7Asupɔw no so panin a ne din de Publio no wɔ nsase bɛn hɔ; ɔgyee yɛn fɛw, na ɔde ayamye hwɛɛ yɛn nnansa. 8Publio agya da mpa so a atiridii ne ayamtu aka no. Paulo kɔɔ ne nkyɛn, bɔɔ mpae, de ne nsa guu ne so, na ɔsaa no yare. 9Eyi akyi no, ayarefo a wɔaka wɔ asupɔw no so no nyinaa bae, na wɔsaa wɔn yare. 10Wɔde nidi pii maa yɛn, na bere a yɛretu kwan wɔ po so no, wɔde nneɛma a ɛhia yɛn nyinaa maa yɛn.
Paulo Du Roma
11Asram abiɛsa akyi no, yɛforoo Aleksandria hyɛn bi a ɛtenaa asupɔw no ho awɔw bere no nyinaa no, na yɛtuu kwan. Na wɔde Ntaafo Anuanom no agyiraehyɛde ahyɛ ho. 12Yɛduu Sirakusa, na yɛtenaa hɔ nnansa. 13Yefi hɔ twaa ho kɔe, na yɛduu Regio. Ade kyee no, anafo mframa bɔe, na da a ɛto so abien no, yɛduu Puteoli. 14Ɛhɔ na yehuu anuanom mmarima ne mmaa bi, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛne wɔn ntena nnanson; enti saa na yɛbaa Roma. 15Anuanom mmarima ne mmaa a wɔwɔ hɔ no tee yɛn ho asɛm, na wɔbaa sɛ wɔrebehyia yɛn de kosii Apio Gua so ne Ahɔhodan Abiɛsa. Bere a Paulo huu wɔn no, ɔdaa yɛn Agya ase, na onyaa akokoduru.
Paulo Bɔ Ahenni no Ho Dawuru
16Bere a yɛduu Roma no, wɔmaa Paulo kwan sɛ ɔntena ne nko, ɔne ɔsraani a ɔwɛn no no.
17Nnansa akyi no, ɔfrɛɛ Yudafo mpanyimfo no ma wɔboaboaa wɔn ho ano. Bere a wɔhyiae no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, ɛwom sɛ manyɛ biribiara antia yɛn man anaa yɛn nananom amanne de, nanso wɔkyeree me fi Yerusalem de me hyɛɛ Romafo nsa sɛ odeduani. 18Wɔhwehwɛɛ me mu wiei no, wɔpɛe sɛ wogyaa me, efisɛ na minni asɛm biara a ɛfata owu. 19Bere a Yudafo no kasa tiae no, ɛhyɛɛ me sɛ mede me asɛm kɔ Kaesare anim—ɛwom sɛ minni asɛm biara a mede bɛbɔ me man sobo de. 20Ɛno nti na mesrɛɛ sɛ menhu mo, na me ne mo nkasa—Israel anidaso nti na mehyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn yi.”
21Wɔka kyerɛɛ no se, “Yennyaa nkrataa biara a efi Yudea a ɛfa wo ho, na onua biara a ɔbae no nso mmɔɔ amanneɛ anaa ɔnkaa asɛm bɔne biara wɔ wo ho. 22Yɛpɛ sɛ yɛte nea wudwene, efisɛ yenim sɛ baabiara na nnipa kasa tia kuw yi.”
23Wɔhyɛɛ da, na wɔn dodow bi a wɔdɔɔso sen kan no baa ne tenabea. Efi anɔpa kosi anwummere no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu, dii yɛn Agya ahenni ho adanse, na ɔde Mose Mmara ne Adiyifo no nhoma bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔagye Yesu ho asɛm adi. 24Ebinom gyee nea ɔkae no dii, nanso afoforo annye anni. 25Esiane sɛ wɔn adwene anhyia nti, wofii hɔ kɔe bere a Paulo kaa asɛm baako a etwa to se, “Honhom Kronkron no nam odiyifo Yesaia so kaa nokware kyerɛɛ mo nananom se,
26“‘Kɔ nnipa yi nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn: Mobɛte ampa, nanso morente ase da, na mobɛhwɛ ampa, nanso morenhu da.
27Efisɛ nnipa yi akoma apirim, na wɔn aso ayɛ den, na wɔakatakata wɔn aniwa— anyɛ saa a, anka wɔde wɔn aniwa behu, na wɔde wɔn aso ate, na wɔde wɔn akoma ate ase, na wɔasan aba, na masa wɔn yare.’
28Enti monhu sɛ: wɔasoma yɛn Agya nkwagye akɔ amanaman no nkyɛn—wɔn de, wɔbɛtie.” a a v28 Tete nkyerɛwee a edi kan no nni nkyekyem 29 wɔ ha; nkyerɛwee a ɛbaa akyiri no de eyi ka ho: “Na bere a ɔkaa eyi wiee no, Yudafo no fii hɔ kɔe, na wɔne wɔn ho wɔn ho gyee akyinnye kɛse.”
30Ɔtenaa ofi a ɔno ankasa tuaa ho ka mu mfe abien nyinaa, na ɔgyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa fɛw, 31ɔbɔɔ yɛn Agya ahenni ho dawuru, na ɔkyerɛkyerɛɛ Awurade Yesu Kristo ho asɛm; ɔde akokoduru yɛɛ no, na obiara ansi no kwan.