Agya no Bu Edom Tan a Efi Tete no Atɛn
Edom, a ɔwɔ Seir Bepɔw so, kuraa tan dedaw mu na ɔde Israel maa akofena wɔ amanehunu da no, afei ɔkae sɛ nsase abien a ɛdaa mpan no yɛ ne de. Yɛn Agya bua sɛ Edom na ɔbɛda mpan, na ɛbɛyɛ daa.
Yɛn Agya kasa wɔ nkyekyɛmu ahorow 2–15
35 1Yɛn Agya asɛm baa me se:
2Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Seir Bepɔ no, na hyɛ nkɔm tia no. 3Ka kyerɛ no se: Sɛɛ na Otumfo Agya se: “Hwɛ, metia wo, Seir Bepɔ. Mɛteɛ me nsa atia wo, na mɛma woayɛ amamfo ne baabi a hwee nni hɔ. 4Mɛbubu wo nkurow agu, na wobɛyɛ amamfo. Afei wubehu sɛ mene Agya no.
5Esiane sɛ wokuraa tan a efi tete, na wode Israelfo hyɛɛ afoa ano wɔ wɔn amanehunu bere mu, bere a wɔn asotwe a etwa to baa so no,” 6enti sɛ mete ase yi, Otumfo Agya na ose, mede wo bɛma mogyahwiegu, na mogyahwiegu bɛtaa wo. Esiane sɛ woankyi mogyahwiegu nti, mogyahwiegu bɛtaa wo. 7“Mɛma Seir Bepɔ ayɛ amamfo a hwee nni so, na matwa wɔn a wɔkɔ ne wɔn a wɔba nyinaa afi so. 8Mede atɔfo bɛhyɛ ne mmepɔ so ma; wo nkoko so, wo bon mu ne wo subon nyinaa mu na wɔn a afoa akum wɔn no bɛhwehwe ase. 9Mɛma woayɛ amamfo daa; obi rentena wo nkurow mu bio. Afei wubehu sɛ mene Agya no.
10Esiane sɛ wokae se, ‘Aman abien yi, nsase abien yi bɛyɛ me dea; yɛbɛfa wɔn’—ɛwom sɛ na yɛn Agya wɔ hɔ de,” 11enti, sɛ mete ase yi, Otumfo Agya na ose, mɛyɛ wo sɛnea wo abufuw ne wo ninkunu a wodaa no adi bere a wotan Israel no fata, na mɛma Israelfo ahu me wɔ wɔn mu bere a mebu wo atɛn no.
12Afei wubehu sɛ mene Agya no. Mate animtiaa nsɛm a woaka atia Israel mmepɔ no nyinaa se: “Wɔasɛe, wɔde wɔn ama yɛn sɛ yɛnwe.” 13Wode wʼano hoahoaa wo ho tiaa me, na wobɔɔ wo nsɛm boaa ano tiaa me; metee. 14Sɛɛ na Otumfo Agya se: Bere a asase nyinaa di ahurusi no, mɛma woayɛ amamfo. 15Sɛnea wodii ahurusi sɛ Israel fi agyapade ayɛ amamfo no, saa ara na mɛyɛ wo. Wobɛyɛ amamfo, Seir Bepɔ, Edom nyinaa, ne nyinaa. Afei wɔbehu sɛ mene Agya no.