Agya no Nkɔmhyɛ a Ɛfa Babilon Ho
Ahemman a ɛfaa Yuda kɔe no, ɛno ankasa nso wobu no fɔ: wɔgu Bel anim ase, wobubu n'afasu, na wogyaw asase no ma sakraman. Saa bere no ara, Israel ne Yuda san ba wɔ osu mu, na wobisa Sion kwan ne wɔn Agya, wɔhwehwɛ wɔn afɔdi nanso wonhu, na wɔn Ogyefo yɛ den.
Yɛn Agya kasa wɔ nkyekyɛmu ahorow 2–24, 30–33, 35–44
50 1Asɛm a yɛn Agya nam odiyifo Yeremia so kae faa Babilon, Babilonfo asase no ho ni:
2Mompae mu nka wɔ amanaman no mu na monka ho asɛm; mompagya frankaa na monka ho asɛm; mommfa biribiara nsie. Monka se: Wɔafa Babilon; Bel ani awu, Marduk abubu. Ne ahoni ani awu, ne abosom abubu. a a v2 Na Bel ne Marduk ne Babilon anyame atitiriw. 3Efisɛ ɔman bi fi atifi reba abɛtia no; ɛbɛma nʼasase ada mpan, na obiara rentena mu bio. Nnipa ne mmoa nyinaa aguan; wɔakɔ.
4Saa nna no mu ne saa bere no mu, yɛn Agya na ose, Israel mma bɛba, wɔn ne Yuda mma abom; wɔbɛnantew resu, na wɔbɛhwehwɛ wɔn Agya. 5Wɔbɛbisa ɛkwan a ɛkɔ Sion, na wɔn ani akyerɛ hɔ se, “Mommra, momma yɛmfa yɛn ho mmata yɛn Agya ho wɔ apam a ɛtena hɔ daa a obiara werɛ remfi da no mu.” 6Me nkurɔfo ayɛ nguan a ayera; wɔn nguanhwɛfo maa wɔfom kwan, na wɔgyaa wɔn ma wɔkyinkyin mmepɔ so. Wɔkyinkyin fii bepɔ so kɔɔ nkokoɔ so; wɔn werɛ fii wɔn homebea. 7Wɔn a wohuu wɔn nyinaa kyekyee wɔn, na wɔn atamfo kae se, “Yɛnni fɔ, efisɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade, wɔn adidibea ankasa, Awurade a ɔyɛ wɔn agyanom anidaso no.” 8Munguan mfi Babilon mu; momfi Babilonfo asase so, na monyɛ sɛ mpapo a wodi nguankuw no anim. 9Efisɛ hwɛ, merekanyan na mede reba Babilon so amanaman akɛse kuw bi a efi atifi asase so. Wɔbɛsiesie wɔn ho atia no, na ɛhɔ na wɔbɛfa no. Wɔn agyan tu sɛ ɔkofo a ne ho akokwaw de, a ɔnsan mma nsapan da. 10Wɔbɛfow Babilonia; wɔn a wɔfow no nyinaa bɛmee, yɛn Agya na ose.
11Esiane sɛ mo ani gye, esiane sɛ mudi ahurusi, mo a mofow mʼagyapade, esiane sɛ mohuruhuruw sɛ nantwibaa a ɔretiatia aburow na mosu sɛ apɔnkɔ nini nti, 12mo maame ani bɛwu koraa; nea ɔwoo mo no anim bɛgu ase. Hwɛ, ɔbɛyɛ amanaman no mu nea odi akyiri koraa— sare, asase wosee ne anweatam. 13Yɛn Agya abufuw nti, obiara rentena hɔ; ɔbɛda mpan koraa. Obiara a ɔbɛfa Babilon ho no ho bɛdwiriw no, na ɔbɛdi ne apirakuro nyinaa ho fɛw. 14Munsiesie mo ho ntia Babilon ntwa ne ho nhyia, mo a motow agyan nyinaa. Muntow mpɛ no; mommfa mo agyan biara nsie, efisɛ wayɛ bɔne atia yɛn Agya. 15Monteɛm ntia no wɔ afanan nyinaa; wayi ne ho ama. Nʼabantenten ahwe ase; wɔabubu nʼafasu agu. Esiane sɛ eyi ne yɛn Agya atemmu nti, momfa atemmu mmra ne so; monyɛ no sɛnea ɔno ayɛ no. 16Monntwa ogufo ne otwafo mfi Babilon. Ɔhyɛsofo no afoa anim, obiara bɛsan akɔ ne nkurɔfo nkyɛn, na obiara bɛguan akɔ nʼankasa asase so.
17Israel yɛ nnwan a wɔabɔ ahwete a agyata atiatia wɔn. Asiria hene na odii no kan, na afei awiei koraa no, Babilon hene Nebukadnessar awe ne nnompe.
18Sɛɛ na ɔsoro asraafo Agya, Israel yɛn Agya, se: Mɛtwe Babilon hene ne nʼasase aso sɛnea metwee Asiria hene aso no. 19Mede Israel bɛsan aba nʼankasa adidibea, na ɔbɛdidi wɔ Karmel ne Basan; ne kra bɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkoko so. 20Saa nna no mu ne saa bere no, yɛn Agya na ɔse, wɔbɛhwehwɛ Israel afɔdi, nanso ɛbɛyɛ hwee; wɔbɛhwehwɛ Yuda bɔne, nanso wɔrenhu bi, efisɛ mɛfa nkaefo a megyaw wɔn nkwa mu no bɔne akyɛ wɔn.
21Monkɔko ntia Merataim asase, ne wɔn a wɔte Pekod no. Monkunkum wɔn na monsɛe wɔn pasaa, yɛn Agya na ɔse; monyɛ biribiara a mahyɛ mo no. 22Ɔko nnyegyeɛ wɔ asase no so, ne ɔsɛe kɛse. 23Ao, sɛnea wɔatwa asase nyinaa asae no ahwe fam abubu! Ao, sɛnea Babilon abɛyɛ ade a ɛyɛ hu wɔ amanaman no mu! 24Mesum wo afiri, Babilon, na ɛkyeree wo ansa na wubehu. Wɔhuu wo na wɔkyeree wo, efisɛ wo ne yɛn Agya koe.
25Yɛn Agya abue nʼakode dan, na ɔde nʼabufuw akode aba, efisɛ ɔsoro asraafo Agya wɔ adwuma bi yɛ wɔ Babiloniafo asase so. 26Mommɛtow nhyɛ no so mfi afanan nyinaa; mommue nʼasan; momfa no mpua sɛ aburow akuw. Monsɛe no pasaa; mommma biribiara nka no. 27Monkunkum ne nantwinini mma nyinaa; momma wɔnkɔ akum hɔ. Due wɔn, efisɛ wɔn da adu, wɔn asotwe bere. 28Muntie—adwanefo ne aguanfo a wofi Babilon asase so, reba Sion abɛka yɛn Agya atɛntrenee, nʼatɛntrenee a ɔde ma nʼasɔredan. 29Momfrɛ agyantowfo mma wɔntia Babilon, wɔn a wɔtow agyan nyinaa. Montwa ne ho nhyia afanan nyinaa; mommma obiara nnguan. Montua no ka sɛnea ne nneyɛe te; monyɛ no biribiara a wayɛ no. Efisɛ wahoahoa ne ho atia yɛn Agya, atia Israel Kronkronni no.
30Enti ne mmerante bɛhwe ase wɔ ne mmɔnten so, na ne asraafo nyinaa bɛyɛ dinn saa da no, yɛn Agya na ɔse. 31Hwɛ, mitia wo, wo ahantanfo, ɔsoro asraafo Agya na ɔse, efisɛ wo da adu, bere a mɛtwe wʼaso no. 32Ahantanfo no bɛsuntiw ahwe ase, na obiara renni hɔ a ɔbɛma no so. Mɛsɔ ogya wɔ ne nkurow mu, na ɛbɛhyew biribiara a atwa ne ho ahyia. 33Sɛɛ na ɔsoro asraafo Agya se: Wɔhyɛ Israelmma so, na Yudamma nso ka wɔn ho. Wɔn a wɔkyeree wɔn nyinaa aso wɔn mu den; wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn kwan.
34Wɔn Gyefo yɛ den; ɔsoro asraafo Agya ne ne din. Ampa ara ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn, sɛnea ɔde ahomegye bɛba asase so, nanso ɔde ɔhaw bɛbrɛ wɔn a wɔte Babilonia no.
35Akofena ntia Babiloniafo, yɛn Agya na ose, ɛntia wɔn a wɔte Babilonia no, ɛntia ne mpanyimfo ne ne anyansafo! 36Akofena ntia atoro adiyifo, na wɔbɛdan nkwasea! Akofena ntia nʼakofo, na wɔbɛbubu! 37Akofena ntia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, ɛntia ananafo asraafo a wɔwɔ ne mfimfini nyinaa, na wɔbɛyɛ sɛ mmea! Akofena ntia nʼademude, na wɔbɛfa no asade! 38Ɔpɛ ntia ne nsu, na ɛbɛyow! Efisɛ ɛyɛ ahoni asase, na wɔbɔ dam wɔ wɔn ahoni a ɛyɛ hu no ho. 39Enti sare so mmoa ne pataku bɛtena hɔ, na sohori bɛtena ne mu. Nnipa rentena mu bio da, anaa wɔrenhyɛ hɔ ase awo ntoatoaso nyinaa mu. 40Sɛnea yɛn Agya sɛee Sodom ne Gomora ne nkurow a atwa wɔn ho ahyia no, yɛn Agya na ose, saa ara na obiara rentena hɔ; onipa biara rentena ne mu. 41Hwɛ, asraafo bi fi atifi fam reba; ɔman kɛse bi ne ahemfo bebree rehwanyan afi asase ano nohoa. 42Wɔkura tadua ne pea; wɔyɛ atirimuɔdenfo, na wonni mmɔborɔhunu. Wɔn nne bobɔ sɛ po bere a wɔte apɔnkɔ so, wɔasiesie wɔn ho sɛ onipa a ɔrekɔ ɔko atia wo, Ɔbabea Babilonia. 43Babilonia hene ate asɛm a ɛfa wɔn ho, na ne nsa ayɛ mmrɛ. Ahoyeraw akyere no, yaw te sɛ ɔbaa a ɔrewo. 44Hwɛ, sɛ gyata a ofi Yordan ho kwae mu reforo akɔ adidibea a ɛwɔ hɔ daa no, mɛpam Babilonia afi nʼasase so prɛko pɛ, na obiara a mɛpaw no no, mede no bɛsi ne so. Efisɛ hena na ɔte sɛ me? Hena na obetumi afrɛ me? Odwanhwɛfo bɛn na obetumi agyina mʼanim?
45Enti muntie nhyehyɛe a yɛn Agya ayɛ atia Babilonia ne nea wabɔ ne tirim atia Babiloniafo asase: Ampa ara wɔbɛtwe wɔn nguankuw mu nketewa akɔ; ampa ara wɔn adidibea ho bɛdwiriw wɔ nea aba wɔn so no ho. 46Sɛ wɔfa Babilonia na ne nnyigyei te a, asase bɛwosow, na wɔbɛte ne su wɔ amanaman mu.