Wɔhwehwɛ Nsɛnkyerɛnne a Efi Ɔsoro
Petro bɔ ne din sɛ Kristo, Agya teasefo no Ba, na simma kakra akyi wɔfrɛ no Satan, efisɛ wampene sɛ obetie sɛ ɛsɛ sɛ wokum Kristo yi. Yesu ka sɛ, n'akyi di kyerɛ sɛ wopa wo ho akyi na wosoa asɛndua, na ɛnyɛ sɛ wobɛgye wo afi mu.
16 1Farisifo ne Sadukifo baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn nsɛnkyerɛnne bi a efi ɔsoro.
2Ɔbuaa wɔn se, “Sɛ anwummere du a, mose, ‘Ewim bɛyɛ fɛ, efisɛ wim ayɛ kɔkɔɔ.’
3“Na anɔpa nso mose, ‘Ɛnnɛ ahum bɛtu, efisɛ wim ayɛ kɔkɔɔ na ayɛ kusuu.’ Munim sɛnea wɔkenkan wim anim, nanso muntumi nkenkan mmere no nsɛnkyerɛnne.
4“Awo ntoatoaso bɔne a onni nokware na ɛhwehwɛ nsɛnkyerɛnne; nanso wɔremma no nsɛnkyerɛnne biara, gye Yona nsɛnkyerɛnne no nko ara.” Afei ɔgyaa wɔn hɔ kɔe.
Atoro Nkyerɛkyerɛ Mmɔkaw
5Bere a asuafo no twaa kɔɔ asuo no agya no, na wɔn werɛ afi sɛ wɔde brodo bɛba.
6Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ yiye, na monwɛn mo ho wɔ Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho.”
7Wɔsusuu eyi ho wɔ wɔn ntam kae se, “Ɛyɛ sɛ yɛamfa brodo amma nti.”
8Yesu huu eyi, na ɔkae se, “Mo a mo gyidi sua, adɛn nti na mosusuw wɔ mo ntam sɛ munni brodo? 9Seesei mpo monte ase ana? Monkae brodo anum a ɛmaa nnipa 5,000 no, ne nkɛntɛn dodow a moboaboaa ano no ana?
10“Anaa brodo ason a ɛmaa nnipa 4,000 no, ne nkɛntɛn dodow a moboaboaa ano no?
11“Adɛn nti na monte ase sɛ ɛnyɛ brodo ho asɛm na meka kyerɛɛ mo? Monhwɛ yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho.”
12Afei wɔtee ase sɛ ɔnka ankyerɛ wɔn sɛ wɔnwɛn wɔn ho wɔ brodo mu mmɔkaw ho, na mmom Farisifo ne Sadukifo nkyerɛkyerɛ ho.
Petro Ka Sɛ Yesu Ne Agya no Ba
13Bere a Yesu duu Kaesarea Filipi mantam mu no, ɔbisaa nʼasuafo se, “Nnipa se Onipa Ba no ne hwan?”
14Wɔbuaa no se, “Ebinom se Yohane Osubɔni, afoforo se Elia, na afoforo nso se Yeremia anaa adiyifo no mu baako.”
15Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Na mo de, mose mene hwan?”
16Simon Petro buaa no se, “Wone Kristo no, Agya Teasefo no Ba no.”
17Yesu buaa no se, “Simon, Yona ba, nhyira ne wo—ɛnyɛ honam ne mogya na ada eyi adi akyerɛ wo, na mmom mʼAgya a ɔwɔ ɔsoro no.
18“Na meka kyerɛ wo se: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mɛkyekye mʼasafo; na asamando apon rentumi nni so nkonim.
19“Mɛde yɛn Agya ahenni no nsafe ama wo; biribiara a wobɛkyekyere wɔ asase so no, wɔakyekyere no dedaw wɔ ɔsoro, na biribiara a wobɛsan wɔ asase so no, wɔasan no dedaw wɔ ɔsoro.”
20Afei ɔhyɛɛ asuafo no den sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no.
Ɛsɛ sɛ Ɔba no Hu Amane na Ɔsɔre
21Efi saa bere no, Yesu fii ase kyerɛɛ nʼasuafo sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem, na ɔhu amane pii wɔ mpanyimfo, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nsam, na wɔkum no, na wɔnyan no wɔ da a ɛtɔ so mmiɛnsa no.
22Petro twee no kɔɔ nkyɛn baabi, kaa nʼanim se, “Daabi, Awurade! Eyi rento wo da.”
23Nanso ɔdan ne ho ka kyerɛɛ Petro se, “Kɔ mʼakyi, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wonnwen nea yɛn Agya dwen ho, na mmom nea nnipa dwen ho.”
24Afei Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo se, “Obiara a ɔpɛ sɛ odi mʼakyi no, ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho, ɔsoa nʼasɛndua, na odi mʼakyi.
25“Efisɛ obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne nkwa no bɛhwere no; nanso obiara a ɔbɛhwere ne nkwa wɔ me nti no benya no.
26“Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔhwere ne kra? Anaa dɛn na onipa betumi de asesa ne kra?
27“Efisɛ Onipa Ba no rebɛba wɔ nʼAgya anuonyam mu ne nʼabɔfo, na afei ɔbɛtua obiara ka sɛnea ne nneyɛe te.
28“Mereka nokware akyerɛ mo: ebinom a wogyina ha yi renka owu nhwɛ kosi sɛ wɔbɛhu Onipa Ba no sɛ ɔreba wɔ nʼahenni mu.”