Nkonimdi yɛ yɛn Agya dea
Atɛntrenee ne akɔnnɔ. Sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ a, ɛsɔ yɛn Agya ani sen afɔrebɔ, na sɛ wosiw w'aso wɔ ohiani su ho a, wo nso wo su nnya mmuae. Akɔnnɔ kum ɔkwadwofo pɛɛ. Ɛka mprenu sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛtena ɔdan atifi twɔtwɔ so sen sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfo bɛtena fie biako mu.
21 1Ɔhene koma yɛ asuten wɔ yɛn Agya nsam; ɔdan no kɔ baabiara a ɔpɛ. 2Onipa kwan biara te sɛ nea ɛtene wɔ nʼankasa ani so, nanso yɛn Agya kari koma. 3Nea ɛtene ne nea ɛteɛ a obi yɛ no sɔ yɛn Agya ani sen afɔrebɔ. 4Ani a ɛhoahoa ne ho ne koma a ɛyɛ ahantan— abɔnefo kanea—yɛ bɔne. 5Nsiyɛfo nhyehyɛe de wɔn kɔ ahonyade mu ampa, nanso wɔn a wɔyɛ ahopere nyinaa kɔwie ohia mu. 6Ahonyade a obi nya denam atoro tɛkrɛma so yɛ huhuw a ɛtu kɔ ntɛm, owu afiri. 7Abɔnefo basabasayɛ betwe wɔn akɔ, efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ. 8Afɔdifo kwan yɛ akyeakyea, nanso wɔn a wɔn ho tew no nneyɛe teɛ. 9Eye sɛ obi bɛtena ɔdan atifi nkyɛnmu bi sen sɛ ɔne ɔyere ntɔkwapɛfo bɛtena fie koro mu. 10Ɔbɔnefo kra kɔn dɔ bɔne; ne yɔnko nnya mmɔborɔhunu biara wɔ nʼani so. 11Sɛ wɔtwe ɔfɛwdifo aso a, ntetekwaafo nya nyansa; sɛ wɔkyerɛkyerɛ anyansafo a, wɔnya nimdeɛ. 12Yɛn Agya, Ɔtreneeni no, hwɛ abɔnefo fie na ɔde abɔnefo no ba ɔsɛe mu. 13Obiara a ɔsiw nʼaso wɔ ohiani sufrɛ ho no, ɔno nso bɛteɛm, na wɔrennye no so. 14Akyɛde a wɔde ma wɔ kokoam dwodwo abufuw, na adanmude a wɔde hyɛ ntoma mu no brɛ abufuw kɛse ase. 15Sɛ wɔbu atɛntrenee a, ɛyɛ anigye ma atreneefo, nanso ɛyɛ ehu ma wɔn a wɔyɛ bɔne. 16Onipa a ɔfom fi nteaseɛ kwan so no bɛhome wɔ awufo nhyiam mu. 17Obiara a ɔdɔ anigyede bɛyɛ ohiani; obiara a ɔdɔ nsa ne ngo no renyɛ ɔdefo da. 18Abɔnefo yɛ agyede ma atreneefo, na afatwafo yɛ agyede ma wɔn a wɔteɛ. 19Eye sɛ obi bɛtena sare asase so sen sɛ ɔne ɔyere ntɔkwapɛfo a ɔnwiinwii bɛtena. 20Ademude a ɛsom bo ne ngo wɔ onyansafo fie, nanso ɔkwasea di nea ɔwɔ nyinaa wie. 21Obiara a ɔdi trenee ne adɔe akyi no bɛnya nkwa, trenee ne anuonyam. 22Onyansafo foro atumfo kurow, na ɔbubu aban a wɔde wɔn ho to so no gu. 23Obiara a ɔhwɛ nʼano ne ne tɛkrɛma so yiye no bɔ ne ho ban fi ɔhaw mu. 24Ɔhantanni ne ɔhomasofo a ɔyɛ ade wɔ animtiaa a ɛboro so mu no, ne din de “Ɔfɛwdifo.” 25Ɔkwadwofo akɔnnɔ kum no, efisɛ ne nsa mpene so sɛ ɛbɛyɛ adwuma. 26Da mu nyinaa akɔnnɔ no kɔ so yɛ kɛse, nanso atreneefo de ma, na wɔnkame. 27Abɔnefo afɔrebɔ yɛ akyiwade— na sɛ wɔde adwemmɔne bɔ a, ɛno de ɛsen saa koraa. 28Ɔdansekurumni bɛyera, nanso obiara a otie no bedi adanse a ɛtim hɔ. 29Abɔnefo yɛ wɔn anim den, nanso wɔn a wɔteɛ dwene wɔn akwan ho. 30Nyansa biara nni hɔ, nteaseɛ biara nni hɔ, afotu biara nni hɔ a ebetumi asɔre atia yɛn Agya. 31Wɔsiesie pɔnkɔ ma ɔko da, nanso nkonimdi yɛ yɛn Agya dea.