Ɔkwasea San Yɛ Ne Nkwaseasɛm
Ɛyɛ te sɛ nnipa ahorow abiɛsa ho nkyerɛwee. Ɔkwasea a wontumi nhyɛ no anuonyam, wontumi mfa no nyɛ adwuma, na wontumi nsa no yare; ɔkwadwofo a ɔdannan ne mpa so te sɛ ɔpon a ɛdannan wɔ ne pɛgya so; ne ɔdaadaafo a ɔpira afoforo na ɔka sɛ na ɔredi agoru kɛkɛ. Obiara a ɔtu amoa no hwe mu.
26 1Te sɛ sukyerɛmma wɔ ahohuru bere mu ne osu wɔ otwabere mu no, saa ara na nidi mfata ɔkwasea. 2Te sɛ akasanoma a ɔtu kyinkyin anaa asomfena a ɔtu ntɛmntɛm no, saa ara na nnome a ɛmfata no ntena obi so. 3Mpire wɔ ɔpɔnkɔ ma, ahwenehama wɔ afurum ma, na abaa wɔ nkwasea akyi ma. 4Nnyi ɔkwasea ano sɛnea ne nkwaseasɛm te, na wo ankasa anyɛ sɛ ɔno. 5Yi ɔkwasea ano sɛnea ne nkwaseasɛm te, na wanyɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so. 6Obiara a ɔnam ɔkwasea so de nkra kɔ no twa nʼankasa nan, na ɔnom basabasayɛ. 7Te sɛ obubuafo nan a ɛsensɛn hɔ a mfaso biara nni so no, saa ara na abebu te wɔ nkwasea anom. 8Te sɛ obi a ɔkyekyere ɔbo wɔ mpɛtɛ mu no, saa ara na nidi a wɔde ma ɔkwasea te. 9Te sɛ nsɔeɛ dua wɔ ɔsabofo nsa mu no, saa ara na abebu te wɔ nkwasea anom. 10Te sɛ ɔtafo a ɔde agyan pira obiara no, saa ara na obi a ɔbɔ ɔkwasea paa anaa ɔbɔ ɔkwantufo biara paa te. 11Sɛnea ɔkraman san kɔ ne fe so no, saa ara na ɔkwasea san yɛ ne nkwaseasɛm. 12Wohu obi a ɔyɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so anaa? Anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen ɔno.
13Ɔkwadwofo ka se, “Gyata wɔ ɔkwan so! Gyata wɔ mmɔnten so!” 14Sɛnea ɔpon dannan ne pinne so no, saa ara na ɔkwadwofo dannan ne mpa so. 15Ɔkwadwofo de ne nsa hyɛ kyɛnse mu; ɛbrɛ no sɛ ɔbɛsan de aba nʼano. 16Wɔ ɔkwadwofo ankasa ani so no, ɔyɛ onyansafo sen nnipa baason a wɔde nyansa yi ano.
17Te sɛ obi a ɔso ɔkraman aso mu no, saa ara na ɔkwantufo a ɔde ne ho gye ntawntaw a ɛnyɛ ne de mu te.
18Te sɛ ɔbɔdamfo a ɔto ogya nnyansa, agyan ne owu no, 19saa ara na obi a ɔdaadaa ne yɔnko te, na ɔka se, “Na meredi agorɔ kɛkɛ!”
20Sɛ nnyina nni hɔ a, ogya dum; na sɛ kɔkɔnsafo nni hɔ a, ntawntaw dwo. 21Sɛnea nnyansramma ka ogya nnyansa ho, na nnyina ka ogya ho no, saa ara na onipa a ɔpɛ ntɔkwaw sɔ akasakasa ano. 22Kɔkɔnsafo nsɛm te sɛ nnuan a ɛyɛ dɛ; ɛkɔ onipa mu baabi a emu dɔ koraa.
23Te sɛ dwetɛ nsu a wɔde akata dɔte kuruwa so no, saa ara na ano a ɛyɛ bɛtɛɛ a akoma bɔne wɔ akyi te. 24Ɔtamfo de nʼano kata ne ho so, nanso ɔkora nnaadaa wɔ nʼakoma mu. 25Sɛ ɔkasa yiye a, nnye no nni, efisɛ akyiwade ason ahyɛ nʼakoma ma. 26Ɛwɔ mu sɛ wɔde nnaadaa akata ne tan so de, nanso wɔbɛda nʼamumɔyɛ adi wɔ nhyiamu mu. 27Obiara a ɔtu amoa no, ɔno ara bɛtɔ mu; na obi a ɔpire ɔbo no, ɛsan pire ba ne so. 28Tɛkrɛma a ɛtwa nkontompo kyi wɔn a ɛdwerɛw wɔn no, na ano a ɛdaadaa nnipa de ɔsɛe ba.