Anuonyam Yɛ Wo Dea
Ɛbua fɛwdi asɛm 'Wɔn Nyankopɔn wɔ he?' no, dwom no de toto ho. Ahoni wɔ ano, aniwa ne aso a ɛnyɛ hwee, na wɔn a wɔyɛ wɔn no ba bɛyɛ owu sɛ nea wɔyɛe no ara. Wɔka kyerɛ akuw abiɛsa sɛ wɔmfa wɔn ho nto yɛn Agya so: Israel, Aaron fi, ne wɔn a wosuro no nyinaa.
115 1Ɛnyɛ yɛn, yɛn Agya, ɛnyɛ yɛn, na mmom hyɛ wo din anuonyam, wʼadɔe a ɛgyina apam so ne wo nokwaredi nti.
2Adɛn nti na amanaman no bɛka se, “Afei wɔn Nyankopɔn wɔ he?” 3Yɛn Agya wɔ ɔsoro; ɔyɛ nea ɔpɛ biara. 4Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma. 5Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa; aniwa, nanso wɔntumi nhu ade; 6wɔwɔ aso, nanso wɔntumi nte asɛm; hwene, nanso wɔntumi nte ɛhua; 7wɔwɔ nsa, nanso wɔntumi nte ade nka; nan, nanso wɔntumi nnantew; na nne biara mfi wɔn mene mu. 8Wɔn a wɔyɛ wɔn no bɛyɛ sɛ wɔn, saa ara nso na obiara a ɔde ne ho to wɔn so no te.
9Israel, fa wo ho to yɛn Agya so! Ɔno ne wɔn boafo ne wɔn kyɛm. 10Aaron fi, momfa mo ho nto yɛn Agya so! Ɔno ne wɔn boafo ne wɔn kyɛm. 11Mo a musuro yɛn Agya no, momfa mo ho nto no so! Ɔno ne wɔn boafo ne wɔn kyɛm.
12Yɛn Agya akae yɛn; ɔbɛhyira yɛn. Ɔbɛhyira Israel fi; ɔbɛhyira Aaron fi; 13ɔbɛhyira wɔn a wosuro yɛn Agya no, nketewa ne akɛse nyinaa.
14Yɛn Agya mma mo ndɔɔso kɛse kɛse, mo ne mo mma. 15Yɛn Agya, ɔsoro ne asase Yɛfo no, nhyira mo.
16Ɔsoro yɛ yɛn Agya dea, nanso asase de, ɔde ama adesamma. 17Awufo nkamfo yɛn Agya, na wɔn a wɔsian kɔ kommyɛ mu no nso nkamfo no. 18Nanso yɛn de, yɛbɛhyira yɛn Agya, efi seesei de kɔ daa nyinaa. Haleluya!