Aman Bɔ Pɔ Tia Wo
Dwom. Asaf dwom.
Aman bi a wɔaka abom — Edom, Moab, Amon, Asiria ne afoforo — apene sɛ wɔbɛpepa Israel din koraa. Asaf bɔ wɔn mu biara din, srɛ nkogu a ɛtoo Midian no, na afei ɔsrɛ aniwu a ɛbɛka wɔn ama wɔahwehwɛ yɛn Agya din.
83 1Ao yɛn Agya, nyɛ komm; mmua wʼano, anaa nnyɛ dinn, Ao yɛn Agya. 2Efisɛ hwɛ, wʼatamfo redi basabasa; wɔn a wɔtan wo no apagyaw wɔn ti. 3Wɔtia wo nkurɔfo bɔ pɔ kɔkoam; wɔbom bɔ pɔ tia wɔn a wobu wɔn sɛ wʼademude no. 4Wɔka se, “Mommra, momma yɛmpepa wɔn mfi hɔ sɛ ɔman; momma wɔnnkae Israel din bio.” 5Wɔde adwene koro bɔ pɔ; wɔyɛ apam tia wo, 6Edom ntamadan ne Ismaelfo, Moab ne Hagrifo, 7Gebal ne Amon ne Amalek, Filistia ne wɔn a wɔte Tiro no. 8Asiria nso abɛka wɔn ho; wɔabɛyɛ Lot mma basa a ɛyɛ den no.
9Yɛ wɔn sɛnea woyɛɛ Midian, sɛnea woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ Kison asubɔnten ho no, 10a wɔsɛee wɔn wɔ En-Dor na wɔbɛyɛɛ sumina maa asase. 11Yɛ wɔn atitiriw sɛ Oreb ne Seeb, wɔn ahenemma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna, 12a wɔkae se, “Momma yɛnfa Onyankopɔn adidibea mmɛyɛ yɛn de.” 13Ao mʼAgya, ma wɔnyɛ sɛ mfutuma a ɛtwa kyinii, sɛ ntɛtɛ wɔ mframa anim. 14Sɛnea ogya hyew kwae, sɛnea ogyaframa to mmepɔw mu gya, 15saa ara na fa wʼahum ti wɔn na fa wo mframa kɛse bɔ wɔn hu. 16Fa aniwu kata wɔn anim, na wɔahwehwɛ wo din, Ao yɛn Agya. 17Ma aniwu nka wɔn, na wɔn ho mpopo daa; ma wɔnyera wɔ animguase mu, 18na wɔahu sɛ wo nko ara a wo din de yɛn Agya no, wone Ɔsorosoroni a ɔwɔ asase nyinaa so.