Haleluya
Mfa w'anidaso nhyɛ ahenemma mu, wɔn a wɔn nhyehyɛe wu da koro no ara a wowu no. Nea ɛsen saa ne yɛn Agya, na wɔbobɔ nea ɔyɛ ankasa din: atɛntrenee ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, aduan ma ɔkɔm adefo, nneduafo a ɔgye wɔn, ahɔho, nyisaa ne akunafo a ɔhwɛ wɔn.
146 1Haleluya! Me kra, yi yɛn Agya ayɛ.
2Mɛyi yɛn Agya ayɛ bere a mete ase yi; mɛto dwom ama yɛn Agya bere a mehome yi nyinaa.
3Mmfa mo ho nto ahenemma so, nto onipa a ɔwu a ontumi nnye mo nkwa no so. 4Ne honhom fi ne mu, ɔsan kɔ dɔte mu; da no ara ne nhyehyɛe yera. 5Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea ne anidaso wɔ yɛn Agya mu.
6Ɔno na ɔbɔɔ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa; ɔdi nokware daa. 7Ɔbu atɛntrenee ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so; ɔde aduan ma wɔn a ɔkɔm de wɔn. Yɛn Agya yi nneduafo fi nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. 8Yɛn Agya bue anifuraefo ani; yɛn Agya ma wɔn a wɔakoa no so; yɛn Agya dɔ atreneefo. 9Yɛn Agya hwɛ ahɔho so; ɔma ayisaa ne okunafo gyina, nanso amumɔyɛfo kwan de, ɔsɛe no.
10Yɛn Agya bedi hene daa—Sion, wʼAgya, de kosi awo ntoatoaso nyinaa. Haleluya!