Werɛkyekyefo a Wɔn Ho Yɛ Mmɔbɔ
Hiob frɛ wɔn awerɛkyekyefoɔ a wɔyɛ mmɔbɔ, na ɔka sɛ ɔno nso bɛtumi akasa, sɛ wɔsesa wɔn gyinabea a. Ɔka Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɔkofoɔ a ɔsɔɔ ne kɔn mu na ɔde no sii hɔ sɛ agyiraeɛ a wɔtow bɛmma. Nanso ɔkɔ so si so dua sɛ ne danseni gyina soro.
16 1Afei Hiob buae se: 2“Mate nsɛm pii a ɛte sɛɛ; mo nyinaa yɛ werɛkyekyefo a mo ho yɛ mmɔbɔ. 3Mo nsɛm a ɛyɛ mframa kwa no nni awiei anaa? Dɛn na ɛhyɛ mo abufuw ma mokɔ so bua? 4Sɛ mowɔ me tebea mu a, anka me nso metumi akasa sɛ mo; anka metumi aka nsɛm abom atia mo, na mawosow me ti agu mo so. 5Nanso anka mede mʼano bɛhyɛ mo den, na awerɛkyekye a efi mʼanofafa mu bɛma mo yaw so atew. 6Sɛ mekasa a, me yaw so ntew; na sɛ meyɛ komm a, dɛn na efi me so kɔ? 7Ampa ara, afei Onyankopɔn ama mabrɛ; woasɛe me fiefo nyinaa. 8Woama me ho akyenkyen, na ayɛ adansedi; me honam a afɔn no sɔre tia me, na edi adanse wɔ mʼanim. 9Nʼabufuw atete me mu na ɛtow ahyɛ me so; watwitwiw ne se agu me so; me tamfo de nʼani asi me so. 10Nnipa abue wɔn ano ahwɛ me; wɔde animtiaa abɔ me afono so; wɔboaboa wɔn ho ano tia me. 11Onyankopɔn de me ma nnipa a wɔnteɛ, na ɔto me gu amumɔyɛfo nsam. 12Me ho tɔɔ me, na ɔbubuu me; ɔsɔɔ me kɔn mu na ɔbɔɔ me dwerɛbee; wasi me hɔ sɛ nʼagyiraehyɛde. 13Nʼagyantowfo atwa me ho ahyia; ɔpaepae me asaabo mu a onhu me mmɔbɔ, na ohwie me ayamkasa gu fam. 14Ɔbɔ me mprɛ ne mprɛ bubu me; ɔtow hyɛ me so sɛ ɔkofo. 15Mapam ayitam ntade akata me were so, na masie me moma mfutuma mu. 16Mʼanim abere esiane su a mesu nti, na sum kabii da mʼani ntɛkuma so, 17ɛwɔ mu sɛ basabasayɛ biara nni me nsam, na me mpaebɔ ho tew de. 18Asase, nkata me mogya so, na mma me sufrɛ nnya baabi nhome. 19Seesei mpo, me danseni wɔ ɔsoro, na me dimafo wɔ sorosoro. 20Me nnamfonom bu me animtiaa; mʼani hwie nisu gu Onyankopɔn anim, 21sɛ ɔnni onipa asɛm mma no wɔ Onyankopɔn anim, sɛnea onipa ba di ne yɔnko asɛm ma no. 22Efisɛ mfe kakraa bi pɛ na ɛbɛtwam, na afei mɛfa ɛkwan a mensan mma bio no so akɔ.”