Wɔatintim
Nhoma

Yona wɔ Bun Mu

Yona fi nsuomnam kɛse no yam bɔ mpae te sɛ obi a nsu amem no, nsu mu nhaban atwa ne ti ho ahyia na asase apon ato mu wɔ n'akyi, de da yɛn Agya ase sɛ ɔde ne nkwa fi amoa no mu bae. Ɔhyɛ bɔ sɛ obedi nea ɔhyɛɛ ho bɔ no so, na nsuomnam no fe no gu asase kesee so.

Ti 2.

Afei Yona firii apataa no yam bɔɔ yɛn Agya mpae se: Me ahohiahia mu no, mesu frɛɛ mʼAgya, na ɔgyee me so; mefiri damoa yam teaam srɛɛ mmoa, na wotee me nne. Wotow me kɔɔ bun mu, ɛpo mfinimfini, na nsu a ɛsen no twaa me ho hyiae; wʼasorɔkye ne wʼɛpo bobɔ nyinaa bɔɔ me so. Afei mekae se, “Wɔapam me afi wʼanim; nanso mɛhwɛ wʼasɔredan kronkron no ho bio.” Nsu no kataa me so de me kɔɔ owu ano; bun no twaa me ho hyiae; ɛpo nhaban kyekyeree me ti ho. Memem kɔɔ fam koduu mmepɔw ntini ase; asase too nʼapon mu wɔ mʼakyi daa. Nanso wode me nkwa firii amoa no mu baa soro, mʼAgya. Bere a me nkwa resa no, mekaee mʼAgya, na me mpaebɔ foro kɔɔ wo nkyɛn, wʼasɔredan kronkron no mu. Wɔn a wɔbata ahoni hunu ho no dan wɔn akyi kyerɛ ɔdɔ a anka ɛbɛyɛ wɔn de no. Nanso mɛbɔ afɔre ama wo wɔ aseda ayeyi mu; mɛdi bɔ biara a mahyɛ no so. Nkwagye yɛ yɛn Agya de!

Afei yɛn Agya kasa kyerɛɛ apataa no, na ɛfee Yona guu asase kesee so.